Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 31

Yosua ne Gibeonfo No

Yosua ne Gibeonfo No

Nea ɛtoo Yeriko no, nkurow a ɛwɔ Kanaan nyinaa tee ho asɛm. Enti ahemfo anaa ahene a wɔwɔ hɔ no yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛka abom na wɔne Israelfo ako. Nanso Gibeonfo deɛ, wɔfaa adwene foforo. Wɔhyɛɛ ntade a atetew kɔɔ Yosua nkyɛn. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Yefi asase a ɛwɔ akyirikyiri so na aba. Yɛate Yehowa ho asɛm. Nea ɔyɛ maa mo wɔ Egypt ne Moab nso, yɛate. Hyɛ yɛn bɔ sɛ morenyɛ yɛn hwee, na yɛn nso yɛbɛyɛ mo nkoa.’

Yosua gyee nea wɔkae no dii, enti ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ ɔrenyɛ wɔn hwee. Nnansa akyi no, ohuu sɛ, sɛɛ na nkurɔfo no mfi akyirikyiri asase so. Ná wɔyɛ Kanaanfo. Enti Yosua bisaa Gibeonfo no sɛ: ‘Adɛn nti na mudii atoro kyerɛɛ yɛn?’ Wɔkaa sɛ: ‘Ná yesuro! Yenim sɛ Yehowa mo Nyankopɔn reko ma mo. Yɛsrɛ mo, mma munkum yɛn.’ Yosua dii ne bɔhyɛ so, na wankum wɔn.

Ankyɛ koraa na Kanaan ahemfo nnum ne wɔn asogyafo fii ase hunahunaa Gibeonfo no. Yosua ne n’asogyafo nantew anadwo no nyinaa sɛ wɔrekogye wɔn afi wɔn atamfo no nsam. Ade kyee no, anɔpa paa na ɔko no fii ase. Kanaanfo no fii ase guanee. Nanso baabiara a wɔfae no, Yehowa maa abo akɛse fii soro bekunkum wɔn. Afei Yosua srɛɛ Yehowa sɛ ɔmma owia no nnyina. Ná owia no nnyinaa da. Ɛnde, dɛn na ɛmaa Yosua srɛɛ Yehowa sɛ ɔnyɛ saa? Efisɛ na Yosua gye Yehowa di. Saa da no, owia gyinaa faako ara kosii sɛ Israelfo no dii Kanaan ahemfo no ne wɔn asogyafo no so nkonim.

“Momma mo Yiw nyɛ yiw, na mo Dabi nyɛ dabi; nea ɛboro eyinom so no fi ɔbɔnefo no.”—Mateo 5:37