Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 36

Yefta Bɔhyɛ

Yefta Bɔhyɛ

Israelfo no san poo Yehowa, na wɔkɔsom abosom bio. Bere a Ammonfo bɛto hyɛɛ Israelfo so ne wɔn koe no, abosom no antumi ammoa Israelfo no. Israelfo no huu amane mfe pii. Akyiri yi koraa no, wɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Yɛayɛ bɔne. Yɛsrɛ wo, gye yɛn fi yɛn atamfo nsam.’ Israelfo no sɛee wɔn abosom no, na wofii ase som Yehowa bio. Ná Yehowa mpɛ sɛ wɔkɔ so hu amane.

Enti Yehowa paw ɔbarima bi a onim ɔko sɛ onni Israelfo no anim na wɔnkɔko ntia Ammonfo no. Ná yɛfrɛ ɔbarima no Yefta. Ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: ‘Sɛ woboa yɛn ma yedi nkonim wɔ ɔko yi mu a, mehyɛ wo bɔ sɛ, sɛ meba fie a, obiara a obedi kan afi me fie abehyia me no, mede no bɛma wo.’ Yehowa tiee Yefta mpaebɔ, na ɔboaa no ma odii nkonim wɔ ɔko no mu.

Bere a Yefta san baa fie no, ne babaa na odii kan behyiaa no. Ná odi no bakoro. Yefta babaa no de mpintin ne asaw na ebehyiaa no. Dɛn na na Yefta bɛyɛ? Ɔkaee ɛbɔ a wahyɛ Yehowa no, na ɔkaa sɛ: ‘Ao me ba! Woatew me koma. Mahyɛ Yehowa bɔ. Sɛ medi so a, gye sɛ mema wokɔsom wɔ asɔrefie wɔ Silo.’ Ne babaa no nso ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Paapa, sɛ woahyɛ Yehowa bɔ a, ɛnde di so. Nea merebisa ara ne sɛ, ma me ne me nnamfo nkodi bosome mmienu wɔ mmepɔw so. Ɛno akyi no, mɛkɔ.’ Yefta babaa no dii nokware, ɔsom wɔ asɔrefie hɔ ne nkwa nna nyinaa. Afe biara, na ne nnamfo kɔ Silo kɔsra no.

“Nea ɔpɛ ne babarima anaa ne babea asɛm sen me no nsɛ me.”—Mateo 10:37