Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 39

Israel Hene a Odi Kan

Israel Hene a Odi Kan

Yehowa maa Israelfo no atemmufo sɛ wonni wɔn anim. Nanso na Israelfo no pɛ ɔhene. Wɔka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Aman a atwa yɛn ho ahyia nyinaa wɔ ahemfo. Yɛn nso yɛpɛ bi.’ Samuel tee nka sɛ ɔman no adi mfomso, enti ɔbɔɔ Yehowa mpae kaa ho asɛm kyerɛɛ no. Yehowa nso ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Ɛnyɛ wo na ɔman no apo wo. Me na wɔapo me. Ka kyerɛ wɔn sɛ wobenya ɔhene, nanso ɔhene no bɛhwehwɛ nneɛma pii afi wɔn hɔ.’ Ne nyinaa akyi no, nkurɔfo no kaa sɛ: ‘Ɛmfa yɛn ho. Yɛn deɛ, ɔhene ara na yɛpɛ!’

Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ ɔbarima bi a wɔfrɛ no Saul na ɔbɛyɛ ɔhene a odi kan. Bere a Saul kɔsraa Samuel wɔ Rama no, Samuel hwiee ngo guu n’apampam sraa no sɛ ɔhene.

Akyiri yi, Samuel frɛɛ Israelfo nyinaa hyiae sɛ ɔde wɔn hene foforo no rebɛkyerɛ wɔn. Nanso na wɔhwehwɛ Saul wɔ baabiara a, wonhu no. Wunim nea enti? Efisɛ na ɔde ne ho akosie nneɛma bi mu. Bere a wohuu Saul no, woyii no bae. Afei wɔmaa obegyinaa ɔman no mfinimfini. Ná Saul ware sen wɔn nyinaa, na na ne ho yɛ fɛ paa nso. Samuel kaa sɛ: ‘Monhwɛ nea Yehowa apaw no.’ Ɔman no nyinaa teɛɛm sɛ: ‘Ɔhene nnya nkwa!’

Mfiase no, Ɔhene Saul tiee Samuel, na odii Yehowa asɛm so. Nanso ne suban sesae. Nhwɛso bi ni. Bere bi, Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ ɔntwɛn no na ɔreba abɛbɔ afɔre. Nanso Samuel amma ntɛm. Enti Saul ankasa bɔɔ afɔre no. Ná ɛnsɛ sɛ ɔhene bɔ afɔre. Dɛn na Samuel yɛɛ wɔ ho? Ɔka kyerɛɛ Saul sɛ: ‘Anka ɛnsɛ sɛ woyɛ Yehowa so asoɔden.’ Saul suaa biribi fii mu anaa?

Akyiri yi, Saul ne Amalekfo no kɔkoe. Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ onkunkum Amalekfo no nyinaa, ɛnsɛ sɛ ɔma onipa baako mpo ka. Nanso Saul ankum Ɔhene Agag. Yehowa ka kyerɛɛ Samuel sɛ: ‘Saul agyaw me hɔ, na ontie m’asɛm.’ Asɛm no yɛɛ Samuel yaw, na ɔka kyerɛɛ Saul sɛ: ‘Esiane sɛ wuntie Yehowa asɛm bio nti, Yehowa bɛpaw ɔhene foforo.’ Bere a Samuel dan ne ho sɛ ɔrekɔ no, Saul soo Samuel atade nguguso ano, na ɛtewee. Ɛnna Samuel ka kyerɛɛ Saul sɛ: ‘Yehowa agye ahenni no afi wo nsam.’ Ná Yehowa de ahenni no bɛma obi a ɔbɛdɔ no na watie n’asɛm.

“Osetie ye sen afɔre.”—1 Samuel 15:22