Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 43

Ɔhene Dawid Yɛɛ Bɔne

Ɔhene Dawid Yɛɛ Bɔne

Bere a Saul wui no, Dawid bɛyɛɛ ɔhene. Ná Dawid adi mfe 30. Bere a odii hene mfe kakra akyi no, da koro bi na ɔnam n’ahemfie dan no so. Ohuu ɔbaa fɛfɛɛfɛ bi. Akyiri yi, obehuu sɛ ɔbaa no din de Bat-Seba. Ne kunu nso din de Uria, na na ɔyɛ sogyani. Ɔma wɔkɔfrɛɛ Bat-Seba brɛɛ no wɔ ahemfie hɔ. Ɔne no dae, na ɔbaa no nyinsɛnee. Ná anka Dawid pɛ sɛ ɔde ne bɔne no sie. Enti ɔka kyerɛɛ asogyafo panyin no sɛ ɔmfa Uria nkogyina faako a ɔko no mu yɛ den paa, na obiara ntwe ne ho mfi n’akyi. Bere a wokum Uria wɔ ɔko no mu no, Dawid waree Bat-Seba.

Nanso Yehowa huu nneɛma bɔne a ɛkɔɔ so no nyinaa. Dɛn na Yehowa yɛɛ wɔ ho? Ɔsomaa ne diyifo Natan kɔɔ Dawid nkyɛn. Natan kaa sɛ: ‘Ná osikani bi wɔ nguan bebree. Ohiani bi deɛ, na ɔwɔ oguan ba baako pɛ, na na oguan no da ne koma so paa. Osikani no faa ohiani no guan baako pɛ no.’ Dawid bo fuwii, na ɔkaa sɛ: ‘Osikani no fata owu!’ Afei Natan ka kyerɛɛ Dawid sɛ: ‘Wo ara ne saa osikani no!’ Dawid koma bubui, na ɔka kyerɛɛ Natan sɛ: ‘Mayɛ Yehowa bɔne.’ Bɔne no de ɔhaw pii brɛɛ Dawid ne n’abusua. Yehowa twee Dawid aso, nanso wankum no efisɛ na Dawid di nokware, na na ɔbrɛ ne ho ase.

Ná Dawid pɛ sɛ osi asɔrefie ma Yehowa, nanso Yehowa paw Dawid ba Solomon sɛ ɔno mmom na obesi. Dawid fii ase boaboaa nneɛma ano maa Solomon, na ɔkaa sɛ: ‘Yehowa asɔrefie deɛ, ɛsɛ sɛ ɛyɛ kɛse paa. Solomon yɛ abofra, nanso mɛboa no. Mɛpɛ nneɛma agu hɔ ama no.’ Dawid de ne sika pii boae sɛ wɔmfa nsi asɔrefie no. Afei, ɔpɛɛ adwumayɛfo a wonim adansi adwuma yiye. Ɔsan boaboaa sika kɔkɔɔ ne dwetɛ ano, na ɔmaa wɔde nkyeneduru nnua fii Sidon ne Tiro bae. Aka kakra ama Dawid awu no, ɔde asɔrefie no ho plan maa ne ba Solomon. Ɔkaa sɛ: ‘Yehowa na ama makyerɛw saa nneɛma yi ato hɔ ama wo. Yehowa bɛboa wo. Nsuro. Yɛ den na yɛ w’adwuma.’

‘Nea ɔkata ne bɔne so no, ɛrensi no yiye, na nea ɔka na ogyae no, wobehu no mmɔbɔ.’​—Mmebusɛm 28:13