Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 44

Wosii Asɔrefie Maa Yehowa

Wosii Asɔrefie Maa Yehowa

Bere a Solomon bɛyɛɛ ɔhene wɔ Israel no, Yehowa bisaa no sɛ: ‘Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?’ Solomon kaa sɛ: ‘Meyɛ abofra, na minnim nea mereyɛ mpo. Mesrɛ wo, ma me nyansa na memfa nhwɛ wo nkurɔfo so.’ Yehowa kaa sɛ: ‘Esiane sɛ woabisa nyansa nti, mɛma woayɛ onyansafo akyɛn obiara wɔ asase so. Afei mɛma woayɛ osikani paa. Na sɛ wutie m’asɛm a, wubenyin akyɛ paa.’

Solomon fii ase sii asɔrefie no. Ɔde sika kɔkɔɔ, dwetɛ, nnua, ne abo papa na esii. Mmarima ne mmaa a wonim adansi adwuma mpempem pii na wɔyɛɛ dan no ho adwuma. Mfe nson akyi no, wowiee asɔrefie no. Afei, na bere aso sɛ wohyira so ma Yehowa. Ná afɔremuka wɔ asɔrefie hɔ, na na nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre wɔ so. Solomon buu nkotodwe wɔ afɔremuka no anim na ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘O Yehowa, asɔrefie yi sua, na ɛnyɛ fɛ biara mma wo. Nanso yɛsrɛ wo, gye yɛn afɔrebɔ yi tom na tie yɛn mpaebɔ.’ Yehowa huu asɔrefie no ne Solomon mpaebɔ no sɛn? Bere a Solomon wiee ne mpaebɔ no ara pɛ na ogya fii soro bɛhyew n’afɔrebɔ no. Yehowa penee asɔrefie no so. Bere a Israelfo no huu wei no, wodii ahurusi.

Ɔhene Solomon nyansa bebrebe nti, ogyee din. Ná Israelfo nyinaa ne aman a ɛwɔ akyirikyiri mpo nim no. Nkurɔfo pii de wɔn haw brɛɛ Solomon sɛ ɔmmoa wɔn. Ɔhemmaa a ofi Saba no mpo de nsɛmmisa bi a ɛyɛ den bɛsɔɔ no hwɛe. Bere a ɔhemmaa no tee mmuae a Solomon de mae no, ɔkaa sɛ: ‘Nea nkurɔfo aka afa wo ho akyerɛ me no, mannye anni. Nanso seesei deɛ, mahu sɛ wunim nyansa mpo sen sɛnea metee no. Wo Nyankopɔn Yehowa ahyira wo.’ Ná nneɛma kɔ yiye ma Israelfo no paa, na na wɔn nyinaa wɔ anigye. Nanso na nneɛma bɛsesa.

“Hwɛ! nea ɔsen Solomon wɔ ha.”​—Mateo 12:42