Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 45

Wɔkyɛɛ Ahenni Bi Mu

Wɔkyɛɛ Ahenni Bi Mu

Bere a Solomon som Yehowa no nyinaa, na asomdwoe wɔ Israel. Nanso Solomon waree mmaa pii fii aman foforo so. Ná saa mmaa yi som abosom. Nkakrankakra, Solomon sesae, na ɔno nso fii ase som abosom. Yehowa bo fuwii. Ɔka kyerɛɛ Solomon sɛ: ‘Mehwim Israel afi w’abusua nsam na makyɛ mu mmienu. Mede ɔfã kɛse no bɛma wo nkoa no mu baako, na ketewa a aka no na w’abusua bedi so.’

Yehowa faa ɔkwan foforo so maa n’asɛm yi mu daa hɔ. Ná Solomon nkoa no mu baako a yɛfrɛ no Yeroboam retu kwan. Bere a ɔnam kwan so no, ohyiaa odiyifo Ahiya. Ahiya tetew ɔno ara ntama a ɛkata ne ho mu, na ɔkyɛɛ mu 12. Afei ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ: ‘Yehowa begye Israel ahenni afi Solomon abusua nsam na wakyɛ mu mmienu. Ntama a matetew mu yi, fa emu du, efisɛ wubedi mmusuakuw du so.’ Ɔhene Solomon tee ho asɛm, enti na ɔpɛ sɛ okum Yeroboam! Yeroboam guan kɔɔ Egypt. Bere bi akyi, Solomon wui, na ne ba Rehoboam bɛyɛɛ ɔhene. Saa bere no, Yeroboam huu sɛ afei deɛ obetumi asan aba Israel.

Israel mpanyimfo ka kyerɛɛ Rehoboam sɛ: ‘Sɛ wo ne ɔman no di no yiye a, wobedi nokware ama wo.’ Nanso Rehoboam nnamfo a wɔyɛ mmerante ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ woma wo nsa yɛ den wɔ ɔman no so! Ma wɔnyɛ adwumaden paa!’ Rehoboam tiee ne nnamfo mmerante no afotu. Ne tirim yɛɛ den wɔ ɔman no so, enti ɔmanfo no sɔre tiaa no. Wɔmaa Yeroboam yɛɛ ɔhene wɔ mmusuakuw du so. Ɛno na wɔbɛfrɛɛ no Israel ahemman no. Mmusuakuw mmienu a aka no nso, wɔfrɛɛ no Yuda ahemman. Wɔn deɛ, wodii nokware maa Rehoboam. Israel mmusuakuw 12 no, afei deɛ na emu akyɛ.

Ná Yerusalem wɔ Rehoboam ahenni mu, na na Yeroboam mpɛ sɛ ne nkurɔfo no kɔ hɔ kɔsom. Wunim nea ntia? Ná Yeroboam suro sɛ wobegyae n’akyi di, na wɔasan akodi Rehoboam akyi. Enti Yeroboam yɛɛ sika anantwi mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: ‘Yerusalem wɔ akyirikyiri dodo. Mubetumi asom wɔ ha yi ara.’ Ɔman no fii ase som sika anantwi mma no, na wɔn werɛ fii Yehowa bio.

“Mo ne wɔn a wonnye nni nntwe kɔndua koro. Na twaka bɛn na trenee ne amumɔyɛ wɔ? . . . Anaasɛ kyɛfa bɛn na gyidini ne nea onnye nni wɔ?”​—2 Korintofo 6:14, 15