Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 46

Sɔhwɛ Bi Kɔɔ so wɔ Bepɔw Karmel So

Sɔhwɛ Bi Kɔɔ so wɔ Bepɔw Karmel So

Ahemfo a wodii Israel mmusuakuw du ahemman so no, na wɔn mu pii yɛ ahemfo bɔne. Ahab ka wɔn a na wɔnyɛ koraa no ho. Ɔwaree ɔbaa bɔne bi a na ɔsom Baal. Yɛfrɛ ɔbaa no Yesebel. Ahab ne Yesebel de Baal som hyɛɛ asase no so ma. Na wokum Yehowa adiyifo. Dɛn na Yehowa yɛɛ wɔ ho? Ɔsomaa odiyifo Elia ma ɔkɔkaa asɛm bi kyerɛɛ Ahab.

Elia ka kyerɛɛ Ɔhene Ahab sɛ, esiane ne bɔne nti nsu rentɔ wɔ Israel. Ɔpɛ sii bɛboro mfe mmiɛnsa. Enti wɔannya nnɔbae, na ɔkɔm dee ɔman no. Akyiri yi, Yehowa san somaa Elia sɛ ɔnkɔ Ahab nkyɛn. Ɔhene no ka kyerɛɛ Elia sɛ: ‘Woyɛ mmusubɔfo! Wo na woakɔfa wei nyinaa aba.’ Elia ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnyɛ me na makɔfa ɔpɛ yi aba. Wo na woakɔfa aba, efisɛ wosom Baal. Ɛnde, yɛbɛsɔ biribi ahwɛ. Boaboa ɔman no ne Baal adiyifo no ano wɔ Bepɔw Karmel atifi.’

Nkurɔfo no hyiaa wɔ bepɔw no so. Elia kaa sɛ: ‘Munsi mo adwene pi. Sɛ Yehowa na ɔyɛ nokware Nyankopɔn a, munni n’akyi. Ɛyɛ Baal nso a, munni n’akyi. Wei deɛ, yɛnsɔ nhwɛ. Ɛsɛ sɛ Baal adiyifo 450 no siesie nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre na wɔfrɛ wɔn nyame. Me nso, mesiesie nneɛma a mede bɛbɔ afɔre na mafrɛ Yehowa. Onyame a ɔbɛma ogya abɛhyew afɔre no, ɔno na ɔyɛ nokware Nyankopɔn.’ Nkurɔfo no penee so.

Baal adiyifo no siesiee nneɛma a wɔde bɛbɔ afɔre. Wɔbɔɔ mpae frɛɛ wɔn nyame da mũ no nyinaa sɛ: ‘O Baal, tie yɛn!’ Bere a Baal antie wɔn no, Elia dii wɔn ho fɛw, na ɔkaa sɛ: ‘Monteɛm denneennen. Ebia wada, na ehia sɛ obi konyan no.’ Eduu anwummere no, na Baal adiyifo no da so ara reteɛteɛm. Nanso obiara annye wɔn so.

Elia de nneɛma a ɔde rebɛbɔ afɔre no guu afɔremuka no so, na ohwiee nsu guu so nyinaa. Afei ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘O Yehowa mesrɛ wo, ma nkurɔfo yi nhu sɛ wone nokware Nyankopɔn no.’ Ntɛm ara na Yehowa maa ogya fii soro bɛhyew afɔre no nyinaa. Afei nkurɔfo no teɛɛm sɛ: ‘Yehowa ne nokware Nyankopɔn no!’ Ɛnna Elia kaa sɛ: ‘Mommma Baal adiyifo no nguan!’ Saa da no, wokum Baal adiyifo 450 no nyinaa.

Bere a mununkum ketewa bi puee wɔ ɛpo so no, Elia ka kyerɛɛ Ahab sɛ: ‘Nsu rebɛtɔ. Foro wo teaseɛnam, na kɔ fie.’ Nsu munae tumm, mframa bɔe, na nsu no tɔe denneennen. Afei deɛ, na ɔpɛ no aba awiei. Ahab kaa ne teaseɛnam no ma etuu mmirika denneennen. Nanso Yehowa boaa Elia ma otuu mmirika sen teaseɛnam no! So wei kyerɛ sɛ na Elia haw nyinaa aba awiei? Ma yɛnhwɛ.

“Na nnipa nhu sɛ wo a wo din de Yehowa no, wo nko ara ne Ɔsorosoroni, asase nyinaa so.”​—Dwom 83:18