Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 48

Okunafo Bi Babarima San Baa Nkwa Mu

Okunafo Bi Babarima San Baa Nkwa Mu

Bere a ɔpɛ sii no, Yehowa ka kyerɛɛ Elia sɛ: ‘Sɔre kɔ Sarefat. Wokɔ hɔ a, okunafo bi bɛma wo aduan.’ Elia duu kurow no pon ano no, ohuu okunafo hiani bi sɛ ɔresesa nnyina anaa nnua a ɔde bɛsɔ gya. Ɔsrɛɛ no sɛ ɔmma no nsu kakra nnom. Bere a ɔbaa no rekɔsaw nsu no aba no, Elia frɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mesrɛ wo, fa paanoo kakra brɛ me.’ Nanso okunafo no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Minni paanoo biara a mede bɛma wo. Esiam ne ngo kakraa bi na aka a me ne me babarima de bɛyɛ aduan kakra adi.’ Elia ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Yehowa ahyɛ bɔ sɛ, sɛ woto paanoo ma me a, esiam a wowɔ ne wo ngo no rensa da kosi sɛ nsu bɛsan atɔ.’

Enti okunafo no kɔɔ fie kɔtoo paanoo maa Yehowa diyifo no. Sɛnea Yehowa hyɛɛ bɔ no, ampa okunafo no ne ne ba no aduan no ansa da wɔ ɔpɛ bere no mu. Esiam a na ɛwɔ ɔbaa no kuku mu ne ne ngo no, ɛso antew da.

Akyiri yi, asɛm bɔne bi sii. Yare kɛse bi bɔɔ okunafo no ba abarimaa no maa no wui. Okunafo no srɛɛ Elia sɛ ɔmmoa no. Elia gyee abofra no fii ne maame nsam, na ɔde no foro kɔɔ abansoro dan bi mu wɔ ɔbaa no fie. Elia de abofra no too mpa so, na ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, mesrɛ wo ma abofra yi mmra nkwa mu bio.’ Sɛ Yehowa nyan abofra no a, wunim nea enti a na ɛbɛyɛ nwonwa? Efisɛ ɛde besi saa bere no, na obiara nwui a wasan aba nkwa mu bio. Afei nso, na okunafo no ne ne babarima no nyɛ Israelfo mpo.

Nanso abarimaa no nkwa san baa ne mu bio, na ɔhyɛɛ ase homee! Elia ka kyerɛɛ okunafo no sɛ: ‘Hwɛ! Wo ba no asan aba nkwa mu.’ Ɔbaa no ani gyee yiye, na ɔka kyerɛɛ Elia sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn nipa ampa. Nea enti a mereka saa ne sɛ, nea Yehowa bɛka sɛ ka no, ɛno nko ara na woka.’

“Monhwɛ sɛ nkwaakwaadabi ngu aba na wontwa, na wonni adekoradan anaa asan, nanso Onyankopɔn ma wɔn aduan. Mpɛn ahe ara na monsom bo nsen nnomaa?”​—Luka 12:24