Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 50

Yehowa Ko Maa Yehosafat

Yehowa Ko Maa Yehosafat

Ná Yehosafat yɛ Yuda hene. Ɔsɛee Baal afɔremuka a wɔde bɔ afɔre no ne abosom a ɛwɔ asase no so nyinaa. Ná ɔpɛ sɛ Yudafo no hu Yehowa mmara. Enti ɔmaa ɔman no mu mpanyimfo ne Lewifo kɔɔ Yuda nkurow nyinaa mu kɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Yehowa mmara.

Aman a ɛbɛn Yuda no deɛ, na wosuro sɛ wɔne Yudafo bɛko. Ná wonim sɛ Yehowa ka ne nkurɔfo ho. Wɔde akyɛde mpo brɛɛ Ɔhene Yehosafat. Nanso Moabfo, Ammonfo, ne nkurɔfo a wɔwɔ Seir baa sɛ wɔne Yudafo rebɛko. Ná Yehosafat nim sɛ ohia Yehowa mmoa. Enti ɔmaa mmarima, mmaa, ne mmofra no nyinaa baa Yerusalem. Ogyinaa wɔn nyinaa anim bɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, sɛ wonka yɛn ho a, yɛrentumi nni nkonim. Yɛsrɛ wo, kyerɛ yɛn nea yɛnyɛ.’

Yehowa buaa mpae no sɛ: ‘Nsuro. Mɛboa wo. Munkogyinagyina hɔ, monyɛ komm na monhwɛ sɛnea megye mo nkwa.’ Dɛn na Yehowa yɛ de gyee wɔn?

Ade kyee no, Yehosafat yiyii nnwontofo, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonkodi asogyafo no anim. Nnwontofo no too nnwom fii Yerusalem kɔɔ baabi a wɔrekɔko no. Ná wɔfrɛ hɔ Tekoa.

Bere a nnwontofo no de nne kɛse too nnwom yii Yehowa ayɛ no, Yehowa ko maa ne nkurɔfo. Ɔmaa Ammonfo ne Moabfo no adwene yɛɛ basaa. Wofii ase kunkum wɔn ho. Baako mpo anka. Nanso Yehowa bɔɔ Yudafo, asogyafo, ne asɔfo no ho ban. Nkurow a ɛbemmɛn Yuda nyinaa tee nea Yehowa ayɛ no. Wei ma wohuu sɛ na Yehowa da so ara reko ama ne nkurɔfo. Dɛn na Yehowa yɛ de gye ne nkurɔfo? Ɔfa akwan pii so na ɛyɛ saa. Onhia onipa biara mmoa ansa na watumi ayɛ saa.

“Ɛnyɛ mo na mobɛko. Munkogyinagyina hɔ, monyɛ komm na monhwɛ sɛnea Yehowa begye mo nkwa.”—2 Beresosɛm 20:17