Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 51

Sogyani Panyin ne Abaayewa Bi

Sogyani Panyin ne Abaayewa Bi

Ná Israelni abaayewa bi wɔ Siria. Ná ɔmmɛn ne kurom koraa. Siria asogyafo na wɔfaa no fii n’abusuafo nkyɛn. Ɔbɛyɛɛ sogyani panyin bi yere abaawa. Yɛfrɛ sogyani no Naaman. Nnipa a na wɔne abaayewa no te no, na wɔnsom Yehowa. Nanso ɔno deɛ, na ɔsom Yehowa.

Yare huhuuhu bi yɛɛ Naaman honam nyinaa. Da biara, na ne honam yɛ no yaw. Ná abaayewa no pɛ paa sɛ ɔboa Naaman. Enti ɔka kyerɛɛ Naaman yere sɛ: ‘Minim obi a obetumi ama wo kunu ho atɔ no. Yehowa diyifo bi wɔ Israel a yɛfrɛ no Elisa. Obetumi asa wo kunu yare.’

Nea abaayewa no kae no, ɔbaa no ka kyerɛɛ ne kunu Naaman. Ná Naaman ayɛ n’adwene sɛ, ɔbɛyɛ biribiara a ɛbɛma ne ho atɔ no. Enti ɔkɔɔ Elisa fie wɔ Israel. Nea na Naaman pɛ ne sɛ Elisa bɛba abehyia no sɛ onipa titiriw bi. Nanso Elisa amma ne nkyɛn ne no ammɛkasa. Mmom, Elisa maa n’akoa kohyiaa Naaman, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Kɔ na koguare Yordan Asubɔnten mu mpɛn nson. Woyɛ saa a, wo yare no bɛkɔ.’

Asɛm no anyɛ Naaman dɛ koraa. Enti ɔkaa sɛ: ‘Ná ɛyɛ me sɛ odiyifo yi bɛfrɛ ne Nyankopɔn na ɔde ne nsa asrasra me ho ama me ho atɔ me. Nanso Israel asubɔnten wei na ose minkoguare mu. Yɛwɔ nsubɔnten papa wɔ Siria. Adɛn nti na minkoguare wɔ hɔ mmom?’ Naaman bo fuwii, na ofii Elisa fie hɔ kɔe.

Naaman nkoa no boaa no maa odwenee asɛm no ho yiye. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɛ biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ woyɛ ma wo ho tɔ wo a, worenyɛ? Ade a odiyifo yi reka sɛ yɛ no deɛ, ɛnyɛ den koraa. Adɛn nti na wonyɛ?’ Naaman tiee nea wɔkae no. Enti ɔkɔɔ Yordan Asubɔnten no ho, na ɔde ne ho too nsu no mu mpɛn nson. Bere a Naaman wiee nea ɛto so nson no, opue fii nsu no mu. Ná ne ho atɔ no koraa. N’ani gyee paa, na ɔkɔɔ Elisa nkyɛn kɔdaa no ase. Naaman kaa sɛ: ‘Afei na mahu ampa sɛ Yehowa ne nokware Nyankopɔn no.’ Wohwɛ a, bere a Naaman san kɔɔ ne kurom a na ne ho atɔ no no, Israelni abaayewa no tee nka sɛn?

“Nkokoaa ne wɔn a wonum nufu anom na woasiesie ayeyi.”—Mateo 21:16