Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 52

Yehowa Abɔfodɔm a Ɛredɛw sɛ Ogya

Yehowa Abɔfodɔm a Ɛredɛw sɛ Ogya

Ná Ben-Hadad yɛ Siria hene, na daa na ɔkɔka Israelfo ntɔkwaw. Nanso na odiyifo bi wɔ Israel a yɛfrɛ no Elisa. Nea na Siria hene pɛ sɛ ɔyɛ biara no, na odiyifo no ka kyerɛ Israel hene no. Enti Siria hene no antumi anni Israel hene no so nkonim. Ɛbaa saa no, Ben-Hadad yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyere Elisa. Ohuu sɛ Elisa wɔ Dotan. Enti ɔsomaa Siria asogyafo sɛ wɔnkɔkyere no.

Siriafo no kɔɔ Dotan anadwo. Ade kyee no, Elisa somfo baa abɔnten. Ɔnkɔhwɛ a, asogyafo bebree na atwa kurow no ho ahyia yi. Ne yam hyehyee no, na ɔteɛɛm sɛ: ‘Elisa, dɛn na yɛnyɛ?’ Elisa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wɔn a wɔka yɛn ho no dɔɔso sen wɔn a wɔka wɔn ho.’ Ɛhɔ ara na Yehowa buee Elisa somfo no ani. Ɔnhwɛ mmepɔw a atwa kurow no ho ahyia nyinaa so a, apɔnkɔ ne nteaseɛnam a ɛredɛw sɛ ogya ni.

Bere a Siria asogyafo no yɛɛ sɛ wɔbɛkyere Elisa no, ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, mesrɛ wo ma wɔn ani mfura.’ Ɛhɔ ara na biribi sii. Ɛwom sɛ, na asogyafo no da so ara hu ade deɛ, nanso na wonnim baabi a wogyina mpo. Elisa ka kyerɛɛ asogyafo no sɛ: ‘Ɛnyɛ kurow no ni. Munni m’akyi, na mede mo bɛkɔ ɔbarima a morehwehwɛ no no hɔ.’ Enti wodii Elisa akyi kɔɔ Samaria, baabi a na Israel hene te no.

Bere a Siriafo no huu baabi a wɔwɔ no, na aka akyi. Israel hene bisaa Elisa sɛ: ‘Minkum wɔn anaa?’ Ná Elisa bɛfa no sɛ wanya nkurɔfo a anka wɔrepɛ no ayɛ no bɔne nti, ɔno nso bɛyɛ wɔn bɔne anaa? Dabi. Elisa kaa sɛ: ‘Nkum wɔn. Ma wɔn aduan nni, na ma wɔnkɔ.’ Enti ɔhene no too paati kɛse bi maa wɔn, na ɔma wɔkɔɔ wɔn kurom.

“Ahotoso a yɛwɔ wɔ ne mu ne sɛ biribiara a yebisa sɛnea n’apɛde te no, otie yɛn.”​—1 Yohane 5:14