Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 53

Yehoiada Daa Akokoduru Adi

Yehoiada Daa Akokoduru Adi

Ná Yesebel wɔ babaa bi a yɛfrɛ no Atalia. Ná ne tirim yɛ den te sɛ ne maame. Yuda hene waree Atalia. Bere a Atalia kunu wui no, ne babarima na ɔbɛyɛɛ ɔhene. Nanso bere a Atalia babarima no wui no, Atalia ankasa maa ne ho so dii Yuda so. Afei obiara a na obetumi abɛyɛ ɔhene no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ obekum no. Atalia kunkum ɔno ankasa ne mma no mma mpo. Ná obiara suro no.

Saa bere no, na Yehoiada na ɔyɛ Ɔsɔfo Panyin, na na ne yere ne Yehoseba. Ná wonim sɛ nea Atalia reyɛ no yɛ bɔne kɛse paa. Enti wɔde Atalia ba baako bi ba a ɔyɛ abofra siei. Ne din de Yehoas. Wɔtetee no wɔ asɔrefie hɔ. Nea wɔyɛe yi, anka ebetumi ama Atalia akum wɔn.

Bere a Yehoas dii mfe nson no, Yehoiada boaboaa mpanyimfo ne Lewifo no nyinaa ano. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mummegyina asɔrefie no apon ano. Ɛnsɛ sɛ moma obiara wura mu.’ Afei Yehoiada de Yehoas yɛɛ Yuda so hene, na ɔhyɛɛ no ahenkyɛw. Yudafo no teɛɛm sɛ: ‘Ɔhene nnya nkwa!’

Ɔhemmaa Atalia tee dede a nkurɔfo no reyɛ no. Enti ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ asɔrefie hɔ. Bere a ohuu ɔhene foforo no, ɔteɛɛm kaa sɛ: “Atirisopam! Atirisopam!” Afei mpanyimfo no sɔɔ ɔhemmaa a ne tirim yɛ den no mu. Wɔtwee no fii hɔ kokum no. Na nneɛma bɔne a ɔmaa ɔmanfo no yɛe no nso ɛ?

Yehoiada boaa Yudafo no ma wɔhyɛɛ Yehowa bɔ sɛ wɔbɛsom Yehowa nko ara. Yehoiada maa wobubuu Baal asɔrefie ne abosom no. Ɔmaa asɔfo ne Lewifo no kɔyɛɛ asɔrefie no ho adwuma, sɛnea ɛbɛyɛ a Yudafo no betumi akɔsom wɔ hɔ bio. Nea ɛbɛyɛ na obi a ne ho ntew renkɔ asɔrefie hɔ no, ɔmaa nkurɔfo kogyinagyinaa asɔrefie no apon ano. Afei Yehoiada ne mpanyimfo no de Yehoas kɔɔ ahemfie hɔ de no kɔtenaa ahengua no so. Yudafo no ani gyee paa. Ná Atalia tirimɔdenfo no ntumi nhaw wɔn bio. Ná Baal som nso aba awiei. Afei deɛ, na wobetumi asom Yehowa. Woahu sɛnea Yehoiada akokoduru no boaa nnipa bebree?

“Munnsuro wɔn a wokum nipadua nanso wontumi nkum ɔkra no; mmom munsuro nea obetumi asɛe ɔkra ne nipadua no nyinaa wɔ Gehenna.”​—Mateo 10:28