Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 55

Yehowa Bɔfo Bɔɔ Hesekia Ho Ban

Yehowa Bɔfo Bɔɔ Hesekia Ho Ban

Asiria Ahemman no dii Israel mmusuakuw du ahemman no so nkonim. Yuda mmusuakuw mmienu ahemman no nso, na Asiria hene Senaherib pɛ sɛ odi so nkonim. Ná wafi ase reko fa Yuda nkurow no mmaako mmaako. Nanso Yuda kurow a na Senaherib pɛ paa ne Yerusalem. Ná onnim sɛ Yehowa rebɔ Yerusalem ho ban.

Yuda hene Hesekia tuaa sika pii maa Senaherib sɛnea ɛbɛyɛ a ɔremma Yerusalem so. Ɛwom sɛ Senaherib gyee sika no, nanso ɔsomaa asogyafo ahoɔdenfo sɛ wɔnkɔ Yerusalem so. Ná Yerusalemfo suro efisɛ na Asiriafo rebɛn kurow no. Enti Hesekia ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnsuro. Asiriafo no ho yɛ den, nanso Yehowa bɛma yɛn ho ayɛ den asen wɔn.’

Saa bere no, na edin a wɔde ma Asiria asogyafo panyin ne Rabsake. Enti Senaherib somaa no kɔɔ Yerusalem sɛ onkodi wɔn ho agorɔ. Rabsake gyinaa kurow no akyi teɛɛm sɛ: ‘Yehowa rentumi mmoa mo. Mommma Hesekia nnaadaa mo. Nyame biara nni hɔ a obetumi agye mo afi yɛn nsam.’

Hesekia bisaa Yehowa nea ɔnyɛ. Yehowa kaa sɛ: ‘Mma nea Rabsake aka no mmɔ wo hu. Senaherib rentumi nni Yerusalem so nkonim.’ Afei Hesekia nsa kaa nkrataa bi fii Senaherib hɔ. Nea na ɛwɔ nkrataa no mu ni: ‘Fa wo ho ma yɛn. Yehowa rentumi nnye wo.’ Hesekia bɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, yɛsrɛ wo gye yɛn na nnipa nyinaa nhu sɛ wo nko ara ne nokware Nyankopɔn no.’ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Asiria hene ntumi mma Yerusalem. Mɛbɔ me kurow ho ban.’

Ná Senaherib gye di paa sɛ ɛnkyɛ koraa Yerusalem bɛyɛ ne dea. Ná Asiria asogyafo no aboa wɔn ho ano wɔ kurow no akyi baabi. Anadwo bi, Yehowa somaa ɔbɔfo kɔɔ hɔ. Ɔbɔfo no kunkum asogyafo 185,000! Ɔhene Senaherib asogyafo ahoɔdenfo no nyinaa wuwui. Ná ɔrentumi nyɛ nkogu a wadi no ho hwee. Enti ɔkɔɔ ne kurom. Yehowa bɔɔ Hesekia ne Yerusalem ho ban sɛnea na waka no. Sɛ na wowɔ Yerusalem a, anka wubegye Yehowa adi anaa?

“Yehowa bɔfo bɔ wɔn a wosuro no nyinaa ho nsra, na ogye wɔn.”​—Dwom 34:7