Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 57

Yehowa Somaa Yeremia sɛ Ɔnkɔka Asɛm

Yehowa Somaa Yeremia sɛ Ɔnkɔka Asɛm

Yehowa yii Yeremia sɛ ɔnyɛ odiyifo mma Yudafo no. Ɔka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔnkasa nkyerɛ ɔman no, na ɔnka nkyerɛ wɔn sɛ wonnyae bɔne yɛ. Nanso Yeremia kaa sɛ: ‘O Yehowa, meyɛ abofra. Minnim sɛnea mɛkasa akyerɛ ɔman no.’ Yehowa ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Nsuro. Mɛkyerɛ wo nea wobɛka. Mɛboa wo.’

Yehowa ka kyerɛɛ Yeremia sɛ ɔmmoaboa ɔman mpanyimfo no ano. Afei ɔmmɔ ahina anaa kuku wɔ wɔn anim, na ɔnka sɛ: ‘Wɔbɛsɛe Yerusalem sɛnea mabɔ ahina yi.’ Bere a Yeremia yɛɛ nea Yehowa kae no, mpanyimfo no bo fuwii paa. Ɔsɔfo bi a yɛfrɛ no Pasur boroo Yeremia. Afei ɔbɔɔ tokuru wɔ dua mu, na ɔde Yeremia ti, ne nan, ne ne nsa hyɛɛ mu. Anadwo no nyinaa, Yeremia antumi anyɛ ne ho hwee. Ade kyee no, Pasur gyaee no. Yeremia kaa sɛ: ‘Afei deɛ, mabrɛ. Megyae Yehowa asɛm no ka.’ Enti ogyaee ampa? Dabi. Bere a Yeremia dwinnwen asɛm no ho yiye no, ɔkaa sɛ: ‘Yehowa asɛm ayɛ sɛ ogya a ɛredɛw wɔ me mu. Merentumi nnyae asɛm no ka.’ Yeremia kɔɔ so bɔɔ ɔman no kɔkɔ.

Mfe pii twaam, na Yudafo no nyaa ɔhene foforo. Ná asɔfo ne atoro adiyifo no ani nnye asɛm a na Yeremia reka no ho. Wɔka kyerɛɛ ɔman mpanyimfo no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ ɔbarima yi wu.’ Yeremia kaa sɛ: ‘Sɛ mukum me a, na moakum obi a ɔnyɛɛ bɔne biara. Yehowa asɛm na meka, na ɛnyɛ me ara m’asɛm.’ Bere a ɔman no mpanyimfo tee asɛm no, wɔkaa sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ yekum ɔbarima yi.’

Yeremia kɔɔ so kaa asɛm no, na ɛmaa ɔman mpanyimfo no bo fuwii paa. Enti wɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ onkum Yeremia. Ɔhene no ka kyerɛɛ wɔn sɛ, nea wɔpɛ sɛ wɔde yɛ Yeremia biara, wobetumi de ayɛ no. Ná wɔpɛ sɛ wokum no, enti wɔtoo no too abura tenten bi mu. Ná atɛkyɛ ayɛ mu mã. Afei Yeremia fii ase sɛ ɔremem.

Ná Ebed-Melek yɛ ɔpanyin wɔ ahemfie hɔ. Ɔka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Ɔman mpanyimfo no atow Yeremia ato abura mu! Sɛ yegyaw no wɔ hɔ a, obewu.’ Ɔhene no ka kyerɛɛ Ebed-Melek sɛ ɔmfa mmarima 30 nka ne ho na wonkoyi Yeremia mfi abura no mu. Biribiara amma Yeremia annyae asɛm no ka. Wunnye nni sɛ, ɛsɛ sɛ yesuasua no?

“Me din nti nnipa nyinaa bɛtan mo; na nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”​—Mateo 10:22