Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 58

Wɔsɛee Yerusalem

Wɔsɛee Yerusalem

Yudafo no gyaee Yehowa akyi di mpɛn pii kɔsom atoro anyame. Yehowa yɛɛ biara sɛ ɔbɛboa wɔn. Ɔyɛɛ saa mfe pii. Ɔsomaa adiyifo sɛ wɔnkɔbɔ wɔn kɔkɔ, nanso wɔantie. Mmom, wɔserew adiyifo no. Dɛn na Yehowa yɛ maa abosonsom no baa awiei?

Ná Babilon hene Nebukadnesar redi aman pii so nkonim. Bere a edi kan a odii Yerusalem so nkonim no, ɔkyeree Ɔhene Yehoiakin, ahemfie mpanyimfo, wɔn a wɔyɛ nsaanodwuma, ne mmarima a wonim ako de wɔn kɔɔ Babilon. Ɔsan faa agyapade a ɛwɔ Yehowa asɔrefie no nyinaa kɔe. Afei Nebukadnesar de Sedekia yɛɛ Yudafo no so hene.

Mfiase no, Sedekia tiee nea Nebukadnesar kae biara. Nanso atoro adiyifo ne aman a ɛbɛn Yudafo no ka kyerɛɛ Sedekia sɛ, mma ontie nea Babilonfo bɛka. Yeremia bɔɔ no kɔkɔ sɛ: ‘Sɛ woyɛ asoɔden a, wobekunkum wo nkurɔfo, na ɔkɔm ne yare nso bɛba Yudafo so.’

Bere a Sedekia dii ade mfe nwɔtwe no, ɔyɛɛ Babilonfo so asoɔden. Ɔka kyerɛɛ Egyptfo asogyafo sɛ wɔmmoa no. Afei Nebukadnesar maa asogyafo kɔɔ Yerusalem so, na wotwaa kurow no ho hyiae. Yeremia ka kyerɛɛ Sedekia sɛ: ‘Yehowa se, sɛ wode wo ho ma Babilonfo a, wo ne wo nkurɔfo nyinaa benya nkwa. Nanso sɛ woanyɛ saa a, Babilonfo no bɛhyew Yerusalem, na wɔde wo ato afiase.’ Sedekia kaa sɛ: ‘Meremfa me ho mma Babilonfo!’

Afe ne fã akyi, Babilonfo no buu Yerusalem afasu no, na wɔkɔɔ mu kɔhyew kurow no. Wɔhyew asɔrefie no, kunkum nnipa pii, na wɔde mpempem pii koguu afiase.

Sedekia guan fii Yerusalem, nanso Babilonfo no dii n’akyi. Wɔkɔkyeree no wɔ Yeriko hɔ baabi, ɛnna wɔde no brɛɛ Nebukadnesar. Babilon hene no maa wokunkum Sedekia mma wɔ n’anim. Afei Nebukadnesar sɛee Sedekia ani, na ɔde no too afiase. Akyiri yi, owuu wɔ hɔ. Nanso Yehowa hyɛɛ Yudafo bɔ sɛ: ‘Mfe 70 akyi, mɛsan de mo aba mo kurom Yerusalem.’

Mmofra a wɔde wɔn kɔɔ Babilon no, dɛn na ɛtoo wɔn? Wodii Yehowa nokware anaa?

“Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ, w’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.”​—Adiyisɛm 16:7