Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 59

Mmerantewa Nnan Bi Tiee Yehowa

Mmerantewa Nnan Bi Tiee Yehowa

Bere a Nebukadnesar de Yudafo mmerante a wofi ahemfie kɔɔ Babilon no, ɔmaa ahemfie panyin bi a yɛfrɛ no Aspenas hwɛɛ wɔn so. Nebukadnesar ka kyerɛɛ Aspenas sɛ, ɔnhwɛ wɔn mu na onyi mmerantewa a wɔwɔ ahoɔden na wonim nyansa mma no. Ná wɔbɛtete saa mmerantewa yi mfe mmiɛnsa. Ná ntetee yi bɛma wɔabɛyɛ nnipa titiriw wɔ Babilon. Mmerantewa no besua Akkadia kasa a Babilonfo ka; wobesua sɛnea wɔbɛkyerɛw na wɔakenkan nso. Afei nso, na ɛsɛ sɛ wodi aduan a ɔhene no ne wɔn a wɔwɔ ahemfie hɔ di no bi. Mmerantewa no, wɔfrɛ emu nnan Daniel, Hanania, Misael ne Asaria. Aspenas maa wɔn Babilonfo din. Ɔfrɛɛ wɔn Beltesasar, Sadrak, Mesak, ne Abednego. Wohwɛ a, saa ntetee yi bɛma wɔagyae Yehowa som anaa?

Ná mmerantewa nnan yi asi wɔn bo sɛ wobetie Yehowa. Ná wonim sɛ Yehowa ahyɛ mmara sɛ mma wonni aduan a ɛho ntew. Enti na ɛnsɛ sɛ wodi ɔhene no aduan no. Wɔka kyerɛɛ Aspenas sɛ: ‘Yɛsrɛ wo, yɛmpɛ sɛ yedi ɔhene no aduan no.’ Aspenas ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Sɛ moanni na ɔhene hu sɛ mo anim ayɛ mmɔbɔmmɔbɔ a, obekum me!’

Biribi baa Daniel tirim. Ɔka kyerɛɛ nea ɔhwɛ wɔn so no sɛ: ‘Yɛsrɛ wo, ma yɛn afumduan nko ara ne nsu nna du. Afei fa yɛn toto mmerantewa a wobedi ɔhene aduan no ho.’ Nea ɔhwɛ wɔn so no penee so.

Nna du akyi no, na Daniel ne ne nnamfo mmiɛnsa no ayɛ kama asen mmerantewa a aka no. Yehowa ani gyee sɛ wotiee n’asɛm. Na mpo, ɔmaa Daniel nyansa a ɛbɛma wate anisoadehu ne dae ase.

Wowiee ntetee no, Aspenas de mmerantewa no bɛkyerɛɛ Nebukadnesar. Ɔhene no ne wɔn kasae, na ohuu sɛ Daniel, Hanania, Misael ne Asaria adwenem abue, na wonim nyansa sen mmerantewa a aka no nyinaa. Oyii mmerantewa nnan yi sɛ wɔmma wɔnyɛ adwuma wɔ n’ahemfie hɔ. Sɛ asɛm bi kyere ɔhene adwene a, na ɔtaa frɛ wɔn bisa wɔn adwene wɔ ho. Yehowa na ɔma wohuu nyansa sen ɔhene no anyansafo ne wɔn a woyi nkonyaa no nyinaa.

Ɛwom sɛ na Daniel, Hanania, Misael ne Asaria wɔ obi man so deɛ, nanso wɔn werɛ amfi sɛ wɔyɛ Yehowa nkurɔfo. Wo nso, sɛ wowɔ baabi na w’awofo nni hɔ mpo a, wobɛkae Yehowa anaa?

“Mma obiara mmmu aberante a woyɛ no abomfiaa. Mmom no, yɛ nhwɛso ma anokwafo wɔ ɔkasa, abrabɔ, ɔdɔ, gyidi, ne ahotew mu.”​—1 Timoteo 4:12