Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 62

Ahenni Bi a Ɛte sɛ Dua Kɛse

Ahenni Bi a Ɛte sɛ Dua Kɛse

Anadwo bi, Nebukadnesar soo dae huhuuhu bi. Ɔfrɛɛ n’anyansafo sɛ wɔmmɛkyerɛ no dae no ase. Nanso, wɔn mu biara antumi ankyerɛ no ase. Awiei koraa no, ɔhene no ne Daniel kasae.

Nebukadnesar ka kyerɛɛ Daniel sɛ: ‘Mesoo dae, na mihuu dua bi. Enyin yɛɛ tenteenten koduu soro. Sɛ obi gyina asase so baabiara a obetumi ahu saa dua no. Ná dua no nhaban yɛ fɛ, na na asow aba pii nso. Mmoa pii tenaa dua no nwini ase, na nnomaa nso yɛɛ wɔn mmerebuw wɔ dua no mmaa so. Afei ɔbɔfo bi fi soro baa asase so. Ɔteɛɛm sɛ: “Muntwa dua no na muntwitwa ne mmaa. Nanso munnyaw ne dunsin asase mu, na momfa dade ne kɔbere nkyekyere. Ma ne koma nsesa na anyɛ ɔdesani de bio, na wɔmma no aboa koma na mmere ason ntwa ne ti so. Na ama nnipa nyinaa ahu sɛ Ɔsorosoroni no na odi adesamma ahenni so tumi, na obiara a ɔpɛ no, ɔde ma no.”’

Yehowa maa Daniel huu nea dae no kyerɛ. Bere a Daniel tee dae no ase no, ehu kaa no. Daniel kaa sɛ: ‘O ɔhene, minyae a anka dae yi fa w’atamfo ho, nanso ɛfa wo ho. Dua kɛse a wotwae no yɛ wo. W’ahenni befi wo nsa, na wobɛwe sare wɔ wuram te sɛ aboa. Nanso, esiane sɛ ɔbɔfo no kaa sɛ wonnyaw dua no dunsin ne ne ntini wɔ asase mu nti, wobɛsan ayɛ ɔhene bio.’

Afe baako akyi, na Nebukadnesar nam n’ahemfie dan atifi rehwɛ Babilon. Ɔhene no kaa sɛ: ‘Hwɛ kurow fɛfɛ a makyekye. Meyɛ onipa kɛse paa!’ Bere a ɔrekasa no, ɛnne bi fi soro kaa sɛ: ‘Nebukadnesar! Afei deɛ, w’ahenni afi wo nsa.’

Saa bere no ara, Nebukadnesar bɔɔ dam, na ɔbɛyɛɛ sɛ wuram aboa. Wɔpam no fii n’ahemfie, na ɔne mmoa kɔtenaa wuram. Nebukadnesar ti nhwi fuw yɛɛ tenteenten te sɛ ɔkɔre ntakra, na ne mmɔwerɛw yɛɛ sɛ nnomaa deɛ.

Mfe nson twaam no, Nebukadnesar adwene san bae, na Yehowa ma odii Babilon so hene. Afei Nebukadnesar kaa sɛ: ‘Miyi Yehowa ɔsorosoro Hene no ayɛ. Afei na mahu sɛ Yehowa na ɔyɛ Otumfoɔ. Nnipa a wɔyɛ ahantan no, ɔbrɛ wɔn ase, na obiara a ɔpɛ no obetumi ama wadi hene.’

“Ahantan di ɔsɛe anim, na ahomaso honhom di asehwe anim.”​—Mmebusɛm 16:18