Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 63

Nkyerɛwee Bi Beguu Ɔfasu Ho

Nkyerɛwee Bi Beguu Ɔfasu Ho

Bere bi akyi no, Belsasar bɛyɛɛ Babilon hene. Anadwo bi, ɔtoo nsa frɛɛ nnipa atitiriw paa a wɔwɔ ne man mu kɔɔ apontow bi ase. Ná nnipa no dodow yɛ apem. Ɔmaa ne nkoa kɔfaa sika kɔkɔɔ nkuruwa a Nebukadnesar kɔfa fii Yehowa asɔrefie no baa apontow no ase. Belsasar ne nnipa a ɔtoo nsa frɛɛ wɔn no nom nkuruwa no ano, na wɔkamfoo wɔn anyame. Mpofirim ara na onipa bi nsa bɛkyerɛw anwonwasɛm bi guu ɔdan a na wɔretow pon wom no fasu ho.

Ehu kaa Belsasar. Ɔfrɛɛ ne nkonyaayifo, na ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: ‘Sɛ obi tumi kyerɛ me asɛm yi ase a, mɛma no tumi, na wayɛ nea ɔto so mmiɛnsa wɔ Babilon.’ Nkonyaayifo no kyerɛɛ wɔn adwene, nanso wɔn mu biara antumi ankyerɛ asɛm no ase. Afei, ɔhemmaa no bɛkaa sɛ: ‘Ɔbarima bi wɔ hɔ a ne din de Daniel a na ɔtaa kyerɛkyerɛ nsɛm mu kyerɛ Nebukadnesar. Obetumi akyerɛkyerɛ asɛm yi mu ama wo.’

Daniel baa Belsasar anim. Ɔhene no ka kyerɛɛ Daniel sɛ: “Sɛ wutumi kenkan nkyerɛwee yi na wokyerɛ me ase a, mɛma wo sika kɔkɔɔ kɔnmuade, na mayɛ wo nea ɔto so mmiɛnsa a ɔwɔ tumi sen biara wɔ Babilon.’ Daniel kaa sɛ: ‘Mempɛ w’akyɛde no, nanso mɛkyerɛ wo asɛm yi ase. Wo papa Nebukadnesar, na ɔyɛ ahantan, na Yehowa brɛɛ no ase. Wunim nea ɛtoo no nyinaa, nanso woanom sika nkuruwa a ɔkɔfa fii Yehowa asɔrefie no ano de akyerɛ sɛ wummu Yehowa. Enti Onyankopɔn na akyerɛw saa asɛm yi: Mene, Mene, Tekel, ne Parsin. Asɛm yi ase ne sɛ, Mediafo ne Persiafo bedi Babilon so nkonim, na wobetu wo afi ade so anaa worenyɛ ɔhene bio.’

Ná ɛte sɛ nea obiara ntumi nni Babilon so nkonim. Ná asubɔnten bi a emu dɔ atwa kurow no ho ahyia, na na wɔato afasu a ɛyɛ den nso afa kurow no ho. Nanso, saa anadwo no ara, Mediafo ne Persiafo bɛtow hyɛɛ kurow no so. Persia hene Kores danee asubɔnten no ani kyerɛɛ baabi foforo sɛnea ɛbɛyɛ a n’asogyafo no betumi afa nsu no mu aforo akɔ kurow no pon ano. Bere a woduu kurow no apon ano no, na wɔabuebue! Asogyafo no bɔ wuraa kurow no mu, na wɔko faa kurow no. Wokum ɔhene no. Afei Kores bɛyɛɛ Babilon hene.

Afe baako ntam no, Kores kaa sɛ: ‘Yehowa aka akyerɛ me sɛ, mensan nsi n’asɔrefie a ɛwɔ Yerusalem no. Yehowa nkurɔfo mu biara a ne koma ka no a ɔpɛ sɛ ɔboa adwuma no betumi akɔboa.’ Enti sɛnea na Yehowa ahyɛ bɔ no, bere a wɔsɛee Yerusalem no, mfe 70 akyi, Yudafo pii san kɔɔ wɔn kurom. Kores san de sika kɔkɔɔ ne dwetɛ nkuruwa, ne nneɛma a Nebukadnesar kɔfa fii asɔrefie hɔ nyinaa san kɔe. Woahu sɛnea Yehowa maa Kores boaa Yehowa nkurɔfo no?

“Wahwe ase! Babilon Kɛse no ahwe ase, na wabɛyɛ adaemone tenabea.”​—Adiyisɛm 18:2