Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 64

Daniel Da Agyata Amena Mu

Daniel Da Agyata Amena Mu

Dario nso bɛyɛɛ Babilon hene. Ná ɔyɛ Mediani. Dario huu sɛ Daniel yɛ onipa soronko. Enti, ɔma ɔhwɛɛ mmarima atitiriw paa a wɔwɔ ɔman no mu nyinaa so. Ná saa mmarima no ani bere Daniel. Enti na wɔpɛ sɛ wokum no. Ná nkurɔfo no nim sɛ Daniel bɔ Yehowa mpae mprɛnsa da biara. Enti nkurɔfo no ka kyerɛɛ Dario sɛ: ‘Ɔhene, yɛsrɛ wo, yɛ mmara bi sɛ, wo nko ara na ɛsɛ sɛ obiara bisa biribi fi wo hɔ. Obiara a obebu mmara no so no, ɛsɛ sɛ wɔde no kɔto agyata amena mu.’ Dario ani gyee asɛm no ho. Enti ɔde ne nsa hyɛɛ mmara no ase.

Bere a Daniel tee mmara foforo no ho asɛm pɛ, ɔkɔɔ ne fie. Obuu nkotodwe wɔ mpoma bi a wɔabue ato hɔ anim, na ɔbɔɔ Yehowa mpae. Mmarima a na wɔn ani bere Daniel no kɔɔ ne fie. Wokohuu sɛ Daniel rebɔ mpae. Wotuu mmirika kɔɔ Dario nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Daniel rebu wo mmara no so. Da biara, ɔbɔ ne Nyankopɔn mpae mprɛnsa.’ Ná Dario pɛ Daniel asɛm paa. Enti na ɔmpɛ sɛ okum no. Saa da no nyinaa, ɔhene no hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so agye Daniel nkwa. Nanso, na ɔhene no mpo rentumi nsesa mmara a wadi kan de ne nsa ahyɛ ase no. Enti, na ɛsɛ sɛ ɔka kyerɛ ne mmarima no sɛ wɔntow Daniel nkyene agyata a wɔn ho yɛ hu no amena mu.

Saa anadwo no, Dario dwinnwen Daniel ho ara ma wantumi anna. Ade kyee anɔpa no, otuu mmirika kɔɔ amena no ho. Ɔfrɛɛ Daniel sɛ: ‘Wo Nyankopɔn no atumi agye wo anaa?’

Dario tee ɛnne bi. Ná ɛyɛ Daniel nne! Daniel ka kyerɛɛ Dario sɛ: ‘Yehowa abɔfo akata agyata no ano. Enti agyata no antumi anyɛ me hwee.’ Dario ani gyee paa! Ɔkaa sɛ, wonnyi Daniel mfi amena no mu. Daniel ho baabiara antwa. Afei, ɔhene no kaa sɛ: ‘Montow mmarima a wodii Daniel ho nkɔnkɔnsa no ngu amena no mu.’ Bere a wɔtow saa mmarima no guu amena no mu no, agyata no wee wɔn pasaa.

Dario hyɛɛ mmara, na ɔka kyerɛɛ ne nkurɔfo sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ obiara suro Daniel Nyankopɔn no. Ɔno na ogyee Daniel fii agyata no nsam.’

Ɛyɛ a, wobɔ Yehowa mpae daa sɛnea Daniel yɛe no?

“Yehowa nim sɛnea obegye wɔn a woyi wɔn yam som no no afi sɔhwɛ mu.”​—2 Petro 2:9