Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 65

Ester Gyee Ne Nkurɔfo Nkwa

Ester Gyee Ne Nkurɔfo Nkwa

Ester yɛ Yudani ababaa a na ɔte Persiafo kurow Susan mu. Mfe pii a na atwam no, Nebukadnesar kɔfaa Ester abusuafo fii Yerusalem. Ester busuani Mordekai na ɔtetee no. Ná Mordekai yɛ Persia hene Ahasweros akoa.

Ná Ɔhene Ahasweros pɛ ɔhemmaa foforo. Ne nkoa kɔfaa mmaa a wɔn ho yɛ fɛ paa wɔ ahemman no mu brɛɛ no. Ná Ester ka ho. Bere a ɔhene no hwɛɛ mmaa no nyinaa no, oyii Ester. Mordekai ka kyerɛɛ Ester sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔma obiara hu sɛ ɔno Ester yɛ Yudani.

Ɔbarima bi a ɔde Haman na na ɔyɛ ahemfie mpanyimfo no nyinaa panyin. Ná ɔyɛ ahantan, na na ɔpɛ sɛ obiara kotow no. Mordekai deɛ, wankotow no. Enti Haman bo fuwii paa, na na ɔpɛ sɛ okum Mordekai mpo. Bere a Haman huu sɛ Mordekai yɛ Yudani no, ɔbɔɔ pɔw sɛ obekum Yudafo a wɔwɔ ahemman no mu nyinaa. Haman ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: ‘Yudafo no ho yɛ hu paa, enti ɛsɛ sɛ wukunkum wɔn.’ Ahasweros kaa sɛ: ‘Yɛ nea wopɛ sɛ woyɛ biara.’ Ɔhene no maa Haman tumi sɛ ɔnhyɛ mmara bi. Haman hyɛɛ mmara sɛ, bosome Adar, da a ɛto so 13 no, ɔmanfo no nkunkum Yudafo no nyinaa. Ná Yehowa rehwɛ nea ɛrekɔ so no nyinaa.

Ná Ester nnim mmara no ho hwee. Enti Mordekai ma wɔde mmara a wɔakyerɛw no bi kɔmaa no. Mordekai ka kyerɛɛ Ester sɛ: ‘Wo ne ɔhene nkɔkasa.’ Ester kaa sɛ: ‘Sɛ ɔhene mfrɛɛ obi na onipa no kɔ n’anim a, wobekum no. Nna 30 ni, ɔhene mfrɛɛ me! Nanso mɛkɔ. Sɛ ɔde ne poma kyerɛ me so a, mɛtena nkwa mu. Sɛ nso wamfa ankyerɛ me so a, ɛnde mewu.’

Ester kɔɔ ɔhene no ahemfie hɔ. Ɔhene no huu Ester no, ɔde ne poma no kyerɛɛ Ester so. Ester kɔɔ ɔhene no nkyɛn. Ɔhene no bisaa Ester sɛ: ‘Ester, dɛn na menyɛ mma wo?’ Ester kaa sɛ: ‘Meretow pon, na mepɛ sɛ wo ne Haman ba bi.’ Apontow no ase no, Ester san too nsa frɛɛ wɔn sɛ wɔmmra apontow a ɛto so mmienu ase. Apontow a ɛto so mmienu no ase no, ɔhene no san bisaa Ester sɛ: ‘Dɛn na menyɛ mma wo?’ Ester kaa sɛ: ‘Obi rebekunkum me ne me nkurɔfo. Mesrɛ wo, gye yɛn.’ Ɔhene no bisaa Ester sɛ: ‘Hena na ɔpɛ sɛ okum mo?’ Ester kaa sɛ: ‘Ɔno ne Haman, onipa bɔnefo yi.’ Ahasweros bo fuwii paa, na ɔmaa wokum Haman ntɛm ara.

Nanso, na obiara ntumi ntwa mmara a Haman ahyɛ no mu. Ná ɔhene no mpo ntumi ntwa mu. Enti nea ɔhene no yɛe ne sɛ, ɔde Mordekai yɛɛ ahemfie hɔ mpanyimfo no nyinaa so panyin. Ɔmaa Mordekai tumi sɛ ɔnyɛ mmara foforo. Mmara a Mordekai yɛe no maa Yudafo no kwan sɛ, sɛ nkurɔfo tow hyɛ wɔn so a, wobetumi ako agye wɔn ho. Eduu bosome Adar, da a ɛto so 13 no, Yudafo no dii wɔn atamfo so nkonim. Efi saa bere no, afe biara, na Yudafo no di afahyɛ de kae nkonim a wodii no.

“Me nti, wɔbɛtwe mo akɔ amrado ne ahene anim, na ayɛ adanse ama wɔne amanaman no.”​—Mateo 10:18