Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 66

Esra Kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Mmara

Esra Kyerɛkyerɛɛ Onyankopɔn Mmara

Israelfo dodow no ara san kɔɔ Yerusalem. Wokodui no, bɛyɛ mfe 70 twaa mu, nanso na Israelfo no bi da so ara wɔ Persia Ahemman no afã bi. Ná wɔn mu baako yɛ ɔsɔfo. Ne din de Esra. Ná ɔkyerɛkyerɛ Yehowa Mmara. Esra tee sɛ nkurɔfo a wɔwɔ Yerusalem no nni Mmara no so. Enti, na Esra pɛ sɛ ɔkɔ hɔ kɔboa wɔn. Persia Hene Artasasta ka kyerɛɛ Esra sɛ: ‘Onyankopɔn ama wo nyansa sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi akyerɛkyerɛ ne Mmara. Kɔfa obiara a ɔpɛ sɛ ɔne wo kɔ no, na wo ne no nkɔ.’ Esra ne wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ Yerusalem no nyinaa hyiae. Ná ɔkwan a wɔrebetwa no ware. Enti wɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ ɔmmɔ wɔn ho ban ma wonkodu asomdwoe mu. Afei wosii mu kɔe.

Abosome nnan akyi, woduu Yerusalem. Ɔman no mu mpanyimfo ka kyerɛɛ Esra sɛ: ‘Israelfo ayɛ Yehowa so asoɔden, na wɔawareware mmaa a wɔsom abosom.’ Dɛn na Esra yɛe? Esra buu nkotodwe wɔ nkurɔfo no anim, na ɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, woayɛ nneɛma pii ama yɛn, nanso yɛayɛ bɔne atia wo.’ Nkurɔfo no nuu wɔn ho deɛ, nanso na wɔda so ara reyɛ nneɛma bɔne. Esra yii mpanyimfo ne atemmufo bi sɛ, wɔnhwehwɛ saa nsɛm no mu. Bere a abosome mmiɛnsa baa awiei no, na wɔapam wɔn a wɔnsom Yehowa no.

Mfe dumienu twaa mu. Wɔsan sii Yerusalem afasu no wɔ mfe dumienu no mu. Saa bere no, Esra boaboaa nkurɔfo no ano wɔ abɔnten sɛ ɔrebɛkenkan Onyankopɔn Mmara no akyerɛ wɔn. Bere a Esra buee nhoma no mu no, nkurɔfo no sɔre gyinaa hɔ. Esra yii Yehowa ayɛ, na nkurɔfo no nso momaa wɔn nsa so de kyerɛɛ sɛ wogye tom. Afei Esra kenkan Mmara no, na ɔkyerɛkyerɛɛ mu. Nkurɔfo no nso yɛɛ aso tiei. Wogye toom sɛ wɔasan atwe wɔn ho afi Yehowa ho, enti wosui. Ade kyee no, Esra san kenkan Mmara no mu nsɛm pii kyerɛɛ nkurɔfo no. Wohuu sɛ ɛrenkyɛ na Asese Afahyɛ no bere aso. Ɛhɔ ara na wofii ase boaboaa wɔn ho maa afahyɛ no.

Nkurɔfo no de nnanson gyee wɔn ani wɔ afahyɛ no ase, na wɔdaa Yehowa ase sɛ wama wɔanya nnɔbae pii. Efi Yosua bere so besi saa bere no, na wonnii Asese Afahyɛ a ɛte saa da. Bere a nkurɔfo no dii afahyɛ no wiei no, wɔboaboaa wɔn ho ano. Wɔbɔɔ mpae sɛ: ‘Yehowa, wo na wugyee yɛn fii nkoasom mu. Wo na womaa yɛn aduan wɔ sare so, na wo na wode asase fɛfɛ yi maa yɛn. Nanso, yɛayɛ wo so asoɔden mpɛn pii. Wosomaa adiyifo ma wɔbɛbɔɔ yɛn kɔkɔ, nanso yɛantie. Ne nyinaa akyi, wunyaa yɛn ho abotare. Wudii ɛbɔ a wohyɛɛ Abraham no so. Afei yɛhyɛ bɔ sɛ yebetie wo.’ Nkurɔfo no kyerɛw ɛbɔ a wɔhyɛe no too hɔ. Afei, ɔman no mu mpanyimfo, Lewifo, ne asɔfo no de wɔn nsa hyɛɛ ase.

“Anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so!”​—Luka 11:28