Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 68

Elisabet Awo Ba

Elisabet Awo Ba

Bere a wɔsan too Yerusalem afasu no wiei no, bɛboro mfe 400 twaa mu. Ná ɔsɔfo bi ne ne yere te kurow bi a ɛbɛn Yerusalem. Yɛfrɛ ɔbarima no Sakaria, ɛnna ɔbaa no de Elisabet. Ná wɔaware mfe pii, nanso na wonni mma. Da bi, Sakaria kɔhyew aduhuam wɔ asɔrefie kronkronbea hɔ, na ɔbɔfo Gabriel yii ne ho adi kyerɛɛ no. Ehu kaa Sakaria, nanso Gabriel kaa sɛ: ‘Nsuro. Mede asɛmpa fi Yehowa hɔ rebrɛ wo. Wo yere Elisabet bɛwo ɔbabarima, na yɛbɛfrɛ no Yohane. Yehowa ayi Yohane sɛ ɔmmɛyɛ adwuma titiriw bi.’ Sakaria bisaa ɔbɔfo no sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn agye wo adi? Me ne me yere nyinaa anyin dodo sɛ yɛbɛwo ba.’ Gabriel kaa sɛ: ‘Onyankopɔn na wasoma me sɛ memmɛka saa asɛm yi nkyerɛ wo. Nanso esiane sɛ woannye me anni nti, worentumi nkasa kosi sɛ wɔbɛwo abofra no.’

Saa da no deɛ, Sakaria hyɛɛ kronkronbea hɔ kyɛe paa. Enti afei bere a opuei no, na nnipa a wɔretwɛn wɔ abɔnten hɔ no pɛ sɛ wohu asɛm a asi. Ná Sakaria ntumi nkasa. Ne nsa nkutoo na na ɔde reyɛ nsɛnkyerɛnne. Enti nkurɔfo no huu sɛ Sakaria ate asɛm bi afi Onyankopɔn hɔ.

Bere bi akyi no, Elisabet nyinsɛnee. Ɔwoo ɔbabarima sɛnea ɔbɔfo no kae no. Elisabet nnamfo ne n’abusuafo bɛhwɛɛ abofra no. Wɔn ani gyee paa sɛ Elisabet awo ba. Elisabet kaa sɛ: ‘Yɛbɛfrɛ abofra no Yohane.’ Wɔn a wɔbɛhwɛɛ abofra no kaa sɛ: ‘Obiara nni w’abusua mu a ne din de Yohane. Fa abofra no papa din to no, na frɛ no Sakaria.’ Nanso Sakaria kyerɛw sɛ: ‘Ne din de Yohane.’ Ɛhɔ ara na Sakaria tumi kasaa bio! Abofra no ho nsɛm trɛw kɔɔ Yudea nyinaa, na nkurɔfo bisaa sɛ: ‘Abofra yi nyin a, ɔbɛyɛ onipa bɛn?’

Afei honhom kronkron hyɛɛ Sakaria mã. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ: ‘Nhyira nka Yehowa. Ɔhyɛɛ Abraham bɔ sɛ ɔbɛma ogyefo bi abegye yɛn. Ɔno ne Mesia no. Yohane bɛyɛ odiyifo, na ɔno na obesiesie kwan mu ama Mesia no.’

Elisabet busuani Maria nso, biribi soronko sii n’asetenam. Yebehu ho asɛm wɔ ti a edi hɔ no mu.

“Nnipa fam de eyi renyɛ yiye, nanso Onyankopɔn fam de, ade nyinaa betumi ayɛ yiye.”​—Mateo 19:26