Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 69

Gabriel Baa Maria Nkyɛn

Gabriel Baa Maria Nkyɛn

Elisabet wɔ busuani bi a yɛfrɛ no Maria. Ná Maria yɛ ababaa. Maria te kurow bi a yɛfrɛ no Nasaret mu. Nasaret wɔ Galilea. Ná Yosef ne Maria ayɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛware. Ná Yosef yɛ duadwumfo. Bere a Elisabet nyinsɛn abosome nsia no, ɔbɔfo Gabriel baa Maria nkyɛn. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Maria sɛ: ‘Maria, asomdwoe nka wo. Woanya Yehowa anim dom kɛse.’ Maria ante asɛm a ɔbɔfo Gabriel kae no ase. Enti ɔbɔfo no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wubenyinsɛn, na wobɛwo ɔbabarima. Ɛsɛ sɛ woto ne din Yesu. Ɔbɛyɛ Ɔhene. N’Ahenni bɛtena hɔ daa.’

Maria kaa sɛ: ‘Meyɛ ɔbaabun. Mɛyɛ dɛn atumi awo ba?’ Gabriel buaa sɛ: ‘Biribiara nni hɔ a Yehowa rentumi nyɛ. Honhom kronkron bɛba wo so, na wobɛwo ɔbabarima. Wo busuani Elisabet nso anyinsɛn.’ Ɛnna Maria kaa sɛ: ‘Meyɛ Yehowa afenaa. Ɛnyɛ hɔ sɛnea woaka no.’

Maria kɔɔ kurow bi a ɛda mmepɔw so sɛ ɔrekɔsra Elisabet. Bere a Maria kyiaa Elisabet no, abofra a ɔhyɛ Elisabet yafunu mu no huruwii. Honhom kronkron hyɛɛ Elisabet mã, na ɔkaa sɛ: ‘Maria, Yehowa ahyira wo. Ɛyɛ hokwan na manya sɛ me Wura maame aba me fie.’ Maria kaa sɛ: ‘Mede me koma nyinaa yi Yehowa ayɛ.’ Maria tenaa Elisabet nkyɛn abosome mmiɛnsa. Ɛno akyi no, ɔkɔɔ ne fie wɔ Nasaret.

Bere a Yosef tee sɛ Maria anyinsɛn no, na ɔpɛ sɛ otwa aware nhyehyɛe no mu. Nanso, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ no wɔ dae mu. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yosef sɛ: ‘Nsuro sɛ wobɛware no. Ɔnyɛɛ bɔne biara.’ Enti Yosef waree Maria, na ɔde no kɔɔ ne fie.

“Nea ɛsɔ Yehowa ani biara, wayɛ wɔ ɔsoro ne asase so.”​—Dwom 135:6