Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 70

Abɔfo Bɛkaa sɛ Wɔawo Yesu

Abɔfo Bɛkaa sɛ Wɔawo Yesu

Kaesare Augusto na na odi Roma Ahemman no so. Ɔhyɛɛ mmara sɛ Yudafo nyinaa nkɔ wɔn kurom nkɔkyerɛw wɔn din. Enti Yosef ne Maria kɔɔ Betlehem. Ɛhɔ na na Yosef abusuafo fi. Saa bere no, na aka kakraa bi ama Maria awo.

Bere a woduu Betlehem no, baabi a wonya tenae no, na ɛhɔ yɛ mmoa dan mu. Ɛhɔ na Maria woo ne ba Yesu. Ɔde ntama kyekyeree abofra no, na ɔde no too mmoa adididaka mu bɔkɔɔ.

Ná nguanhwɛfo bi wɔ abɔnten anadwo rehwɛ wɔn nguan. Ná baabi a wɔwɔ no bɛn Betlehem. Mpofirim ara na ɔbɔfo bi begyinaa wɔn anim. Yehowa anuonyam hyerɛn twaa wɔn ho hyiae. Ehu kaa nguanhwɛfo no. Nanso, ɔbɔfo no ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnsuro. Mede asɛmpa rebrɛ mo. Ɛnnɛ, wɔawo Mesia no wɔ Betlehem.’ Saa bere no ara, nguanhwɛfo no huu abɔfo pii wɔ wim. Abɔfo no kaa sɛ: ‘Anuonyam nka Onyankopɔn wɔ sorosoro, na asomdwoe mmra asase so.’ Afei abɔfo no yerae. Dɛn na nguanhwɛfo no yɛe?

Nguanhwɛfo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: ‘Momma yɛnkɔ Betlehem seesei ara.’ Ntɛm ara na wɔkɔe. Wohuu Yosef ne Maria, ne wɔn ba a wɔawo no foforo no wɔ mmoa dan no mu.

Obiara a ɔtee asɛm a ɔbɔfo no ka kyerɛɛ nguanhwɛfo no ho dwiriw no. Maria dwinnwen asɛm a ɔbɔfo no kae no ho yiye, na ne werɛ amfi da. Nguanhwɛfo no san kɔhwɛɛ wɔn nguan. Wɔdaa Yehowa ase wɔ nea wɔahu ne nea wɔate no nyinaa ho.

“Onyankopɔn hɔ na mifi a mewɔ ha yi. Ɛnyɛ me ara na mede me pɛ bae, na mmom Ɔno na ɔsomaa me.”​—Yohane 8:42