Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 72

Abofra Yesu

Abofra Yesu

Yosef, Maria ne wɔn ba Yesu tenaa Nasaret. Ná wɔn mmabarima ne wɔn mmabaa a aka nso ka wɔn ho. Ná Yosef yɛ duadwumfo adwuma de hwɛ n’abusua. Yosef kyerɛkyerɛɛ n’abusua no Yehowa ne ne Mmara ho asɛm. Ná ɔne n’abusua no kɔ hyiadan mu daa kɔsom. Afe biara nso, na wɔkɔ Yerusalem kodi Twam Afahyɛ no.

Bere a Yesu dii mfe 12 no, ɔne n’abusua twaa kwantenten kɔɔ Yerusalem sɛnea na wɔtaa yɛ no. Ná nnipa a wɔrebedi Twam Afahyɛ no dɔɔso paa wɔ kurow no mu. Afahyɛ no akyi, Yosef ne Maria sii mu sɛ wɔresan akɔ wɔn fie. Wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ ebia Yesu afra nnipadɔm a wɔretu kwan no mu. Nanso bere a wɔhwehwɛɛ no wɔ wɔn abusuafo mu no, wɔanhu no.

Yosef ne Maria san wɔn akyi kɔɔ Yerusalem. Wɔde nnansa kyini hwehwɛɛ wɔn ba no. Awiei koraa no, wɔkɔɔ asɔrefie hɔ. Woduu hɔ no, wohuu sɛ Yesu te akyerɛkyerɛfo no mfinimfini ayɛ aso retie wɔn. Ná ɔrebisabisa wɔn nsɛm a ɛtɔ asom nso. Akyerɛkyerɛfo no ani gyee Yesu ho paa. Enti wɔn nso fii ase bisabisaa no nsɛm. Mmuae a Yesu de maa wɔn no maa wɔn ho dwiriw wɔn. Wohuu sɛ Yesu te Yehowa Mmara no ase.

Bere a Yesu yerae no, ɛhaw Yosef ne Maria paa. Enti Maria kaa sɛ: ‘Me ba, yɛahwehwɛ wo abrɛ! Ɛhe na wokɔe?’ Yesu kaa sɛ: ‘Munnim sɛ ɛsɛ sɛ metena m’Agya fie?’

Yesu ne n’awofo san kɔɔ wɔn fie wɔ Nasaret. Yosef kyerɛɛ Yesu duadwumfo adwuma no. Bere a Yesu yɛ aberante no, wohwɛ a, na ne suban te sɛn? Bere a Yesu renyin no, onyaa nyansa pii. Afei nso, Onyankopɔn ne nnipa nyinaa pɛɛ n’asɛm paa.

“Nea mepɛ ne sɛ mɛyɛ w’apɛde, O me Nyankopɔn, na wo mmara wɔ me koma mu.”​—Dwom 40:8