Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 73

Yohane Siesiee Kwan Mu

Yohane Siesiee Kwan Mu

Bere a Sakaria ne Elisabet ba Yohane nyinii no, ɔbɛyɛɛ odiyifo. Yehowa maa Yohane ka kyerɛɛ nkurɔfo sɛ Mesia no reba. Yohane ankyerɛkyerɛ wɔ hyiadan ne nkurow mu, na mmom na ɔkyerɛkyerɛ wɔ sare so. Nnipa fii Yerusalem ne Yudea nyinaa betiee Yohane. Ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn sɛ, sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, gye sɛ wogyae nneɛma bɔne yɛ. Bere a nkurɔfo tiee Yohane no, wɔn mu pii sakraa wɔn adwene fii wɔn bɔne ho, na Yohane bɔɔ wɔn asu wɔ Yordan Asubɔnten no mu.

Ná Yohane nhaw ne ho pii wɔ asetenam. Ná ɔhyɛ ntade a wɔde yoma nhwi ayɛ. Mmoadabi, anaa mmoa bi a wɔte sɛ mmɛbɛ, ne wuram woɔ na na odi. Ná nkurɔfo pɛ sɛ wohu sɛ Yohane yɛ onipa bɛn. Farisifo ne Sadukifo a na wɔyɛ ahantan no mpo bɛhwɛɛ no. Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mosakra na munu mo ho fi mo bɔne ho. Moka sɛ moyɛ Abraham mma, nanso ɛnsɛ sɛ ɛno nti munya adwene sɛ moyɛ nnipa soronko. Ɛno nkyerɛ sɛ moyɛ Onyankopɔn mma.’

Nnipa pii baa Yohane nkyɛn bebisaa no sɛ: ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛasɔ Onyankopɔn ani?’ Yohane ka kyerɛɛ Yudafo no sɛ: ‘Sɛ mowɔ ntade nguguso mmienu a, momfa baako mma obi a ɔrepɛ bi.’ Wunim nea enti a Yohane kaa saa? Ná ɔpɛ sɛ n’asuafo no hu sɛ, sɛ wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani a, ɛsɛ sɛ wɔdɔ nnipa.

Yohane ka kyerɛɛ towgyefo no sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mudi nokware, na ɛnsɛ sɛ musisi obiara.’ Ɔka kyerɛɛ asogyafo nso sɛ: ‘Munnnye adanmude, anaa munnyigye sika mmfi nkurɔfo hɔ. Ɛnsɛ sɛ mudi atoro nso.’

Asɔfo ne Lewifo nso baa Yohane nkyɛn bebisaa no sɛ: ‘Woyɛ onipa bɛn? Obiara pɛ sɛ ohu onipa kõ a woyɛ.’ Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mene ɛnne a ɛreteɛm wɔ sare so akyerɛ nkurɔfo kwan akɔ Yehowa nkyɛn sɛnea odiyifo Yesaia kae no.’

Nkurɔfo ani gyee nea na Yohane rekyerɛkyerɛ wɔn no ho. Nnipa pii bisaa sɛ Yohane ne Mesia no anaa. Nanso, Yohane ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Obi a ɔkyɛn me koraa reba. Mensɛ mpo sɛ mɛsan ne mpaboa hama. Me deɛ, mebɔ asu nsu mu, nanso ɔno deɛ, ɔde honhom kronkron na ɛbɛbɔ asu.’

“Ɔbarima yi baa adansedi, sɛ ɔrebedi hann no ho adanse, na nnipa ahorow nyinaa nam no so agye adi.”​—Yohane 1:7