Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 75

Ɔbonsam Sɔɔ Yesu Hwɛe

Ɔbonsam Sɔɔ Yesu Hwɛe

Bere a Yohane bɔɔ Yesu asu wiei no, honhom kronkron de no kɔɔ sare so. Yesu annidi nna mmaako mmaako 40. Enti na ɔkɔm de Yesu paa. Ɔbonsam baa Yesu nkyɛn bɛsɔɔ no hwɛe. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa a, ma abo yi nnan paanoo.’ Nanso, Yesu faa Kyerɛwnsɛm mu asɛm de buaa Ɔbonsam sɛ: ‘Wɔakyerɛw sɛ ɛnyɛ aduan nko ara na wonam so bɛtena ase. Ɛsɛ sɛ wutie asɛm biara a efi Yehowa hɔ.’

Afei Ɔbonsam ka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa a, huruw fi asɔredan no atifi. Na wɔakyerɛw sɛ Onyankopɔn bɛsoma abɔfo ama wɔabɛsɔ wo.’ Nanso, Yesu san de Kyerɛwnsɛm mu asɛm maa no mmuae sɛ: ‘Wɔakyerɛw sɛ ɛnsɛ sɛ wosɔ Yehowa hwɛ.’

Afei Satan de wiase ahenni nyinaa ne emu ahonyade ne emu anuonyam kyerɛɛ Yesu. Ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Sɛ wobɔ wo mu ase som me baako pɛ mpo a, mede ahenni yi nyinaa ne emu anuonyam bɛma wo.’ Nanso Yesu buaa sɛ: ‘Fi me so, Satan! Wɔakyerɛw sɛ Yehowa nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’

Afei Ɔbonsam fii hɔ kɔe. Abɔfo baa Yesu nkyɛn, na wɔmaa Yesu aduan dii. Efi saa bere no, Yesu kaa Ahenni no ho asɛmpa kyerɛɛ nkurɔfo. Ɛno ne adwuma a Yehowa somaa no sɛ ɔmmɛyɛ wɔ asase so. Ná nkurɔfo ani gye Yesu nkyerɛkyerɛ ho paa. Enti baabiara a Yesu bɛkɔ no, na wodi n’akyi.

‘Ɔbonsam ka atosɛm a, efi n’ankasa suban, efisɛ ɔyɛ ɔtorofo ne atoro agya.’​—Yohane 8:44