Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 76

Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie no Ho Fĩ

Yesu Pamoo Nkurɔfo a Wɔregu Asɔrefie no Ho Fĩ

Yesu kɔɔ Yerusalem afe 30 Y.B. Saa bere no na ɛyɛ osutɔbere. Ná nnipa pii aba kurow no mu rebedi Twam Afahyɛ. Sɛ wɔredi afahyɛ no a, na wɔde mmoa bɔ afɔre wɔ asɔrefie hɔ. Sɛ ebinom reba asɔrefie hɔ a, na wɔde mmoa a wɔde bɛbɔ afɔre ba. Nanso ebinom deɛ, na wɔtɔ mmoa no wɔ Yerusalem.

Bere a Yesu kɔɔ asɔrefie hɔ no, ohuu sɛ nkurɔfo retɔn mmoa wɔ hɔ. Yehowa asɔrefie na na wɔredi gua de apɛ sika! Dɛn na Yesu yɛe? Ɔde ahama yɛɛ abaa, ɛnna ɔde pamoo nguan ne anantwi no nyinaa fii asɔrefie hɔ. Opiapiaa wɔn a wɔsesa sika no apon guu fam, na ohwiee wɔn sika nso guu fam. Yesu ka kyerɛɛ wɔn a na wɔretɔn mmorɔnoma no sɛ: ‘Momfa saa nneɛma yi mfi ha! Ɛnsɛ sɛ motɔn nneɛma wɔ me Papa fie!’

Nea Yesu yɛe no, ɛyɛɛ nkurɔfo a na wɔwɔ asɔrefie hɔ no nwonwa. N’asuafo no kaee nkɔmhyɛ bi a ɛfa Mesia no ho. Ɛka sɛ: ‘Yehowa fie ho mmɔdenbɔ bɛmene me.’

Akyiri yi, afe 33 Y.B. no, Yesu san pamoo nkurɔfo bi a na wɔregu asɔrefie no ho fĩ. Wamma kwan amma obiara anyɛ biribi a ebegu ne Papa fie ho fĩ.

“Muntumi nsom Onyankopɔn ne Ahonyade.”​—Luka 16:13