Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 77

Ɔbaa Bi a Ɔwɔ Abura Ho

Ɔbaa Bi a Ɔwɔ Abura Ho

Bere a Yesu ne n’asuafo no dii Twam Afahyɛ no wiei no, wɔkɔfaa Samaria sɛ wɔresan akɔ Galilea. Yesu gyee n’ahome wɔ baabi a yɛfrɛ hɔ Yakob abura. Ná ɛbɛn kurow bi a yɛfrɛ no Sikar. Bere a Yesu regye n’ahome wɔ hɔ no, n’asuafo no kɔɔ kurom sɛ wɔrekɔtɔ aduan.

Ɔbaa bi baa abura no ho sɛ ɔrebɛsaw nsu. Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: “Ma me bi nnom.” Ɔbaa no ka kyerɛɛ Yesu sɛ: ‘Adɛn nti na wo ne me rekasa? Meyɛ Samariani baa. Yudafo ne Samariafo nkasa.’ Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: ‘Sɛ wunim me a, anka wubebisa me nsu, na mama wo nkwa nsu.’ Ɔbaa no bisaa Yesu sɛ: ‘Dɛn na worepɛ akyerɛ? Wunni bokiti mpo.’ Yesu kaa sɛ: ‘Obiara a ɔbɛnom nsu a mede bɛma no no, osukɔm renne no bio da.’ Ɛnna ɔbaa no kaa sɛ: “Owura, ma me nsu yi bi.”

Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbaa no sɛ: ‘Kɔfrɛ wo kunu bra abura yi ho.’ Ɔbaa no kaa sɛ: ‘Minni kunu.’ Yesu kaa sɛ: ‘Woaka nokware. Woaware mpɛn nnum. Seesei, ɔbarima a wo ne no te no, ɔnyɛ wo kunu.’ Ɔbaa no kaa sɛ: ‘Mahu sɛ woyɛ odiyifo. Me kuromfo gye di sɛ yebetumi asom Onyankopɔn wɔ bepɔw yi so. Nanso Yudafo deɛ, wɔka sɛ Yerusalem nko ara na yebetumi asom Onyankopɔn. Migye di sɛ sɛ Mesia no ba a, ɔbɛkyerɛ yɛn ɔkwan a ɛsɛ sɛ yɛfa so som Onyankopɔn.’ Afei, Yesu kaa asɛm bi a na ɔnka nkyerɛɛ obiara da. Ɔkaa sɛ: ‘Mene Mesia no.’

Ɔbaa no tuu mmirika kɔɔ ne kurom hɔ kɔka kyerɛɛ Samariafo no sɛ: ‘Ɛyɛ me sɛ mahu Mesia no. Onim me ho nsɛm nyinaa. Mommra mmɛhwɛ!’ Kurow no mufo dii ɔbaa no akyi kɔɔ abura no ho kotiee Yesu nkyerɛkyerɛ.

Samariafo no ka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔmmɛtena wɔn kurow no mu. Yesu de nna mmienu kyerɛkyerɛɛ wɔn, na nnipa pii gyee no dii. Kurow no mufo ka kyerɛɛ Samariani baa no sɛ: ‘Bere a yetiee ɔbarima yi asɛm no, yehuu sɛ ɔno ne wiase agyenkwa no ampa.’

“‘Bra!’ Na ma nea osukɔm de no biara mmra; na ma nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.”​—Adiyisɛm 22:17