Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 78

Yesu Kaa Ahenni no Ho Asɛm

Yesu Kaa Ahenni no Ho Asɛm

Yesu bɔɔ asu no, ankyɛ na ofii ase kyerɛkyerɛɛ sɛ: ‘Onyankopɔn Ahenni no abɛn.’ Yesu ne n’asuafo no tutuu akwan kɔɔ Galilea ne Yudea. Bere a ɔsan kɔɔ ne kurom Nasaret no, ɔkɔɔ hyiadan mu. Obuee Yesaia nhoma mmobɔwee no mu, na ɔkenkan no den sɛ: ‘Yehowa ama me honhom kronkron sɛnea ɛbɛyɛ a metumi aka asɛmpa no.’ Saa asɛm no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ sɛ, ɛwom sɛ na nnipa pii pɛ sɛ Yesu yɛ anwonwade kyerɛ wɔn deɛ, nanso nea enti paa a Onyankopɔn maa no honhom kronkron ne sɛ ɔde bɛka asɛmpa no. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn a wɔretie no no sɛ: ‘Ɛnnɛ na saa nkɔmhyɛ yi abam.’

Ɛno akyi no, Yesu kɔɔ Galilea Po no ho. Ɛhɔ na ohyiaa n’asuafo no mu nnan. Wɔn ne Petro, Andrea, Yakobo, ne Yohane. Ná woyi nam wɔ po mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mommra me nkyɛn, na mɛma moayi nnipa.’ Ntɛm ara na wogyae nnam a woyi no, na wobedii Yesu akyi. Wɔkɔɔ Galilea baabiara kɔkaa Yehowa Ahenni no ho asɛm. Wɔkyerɛkyerɛɛ wɔ hyiadan mu, gua so, ne mmɔnten so. Nnipa bebree dii wɔn akyi ne wɔn kɔɔ baabiara a wɔkɔe. Yesu ho asɛm trɛw kɔɔ baabiara. Wɔn a wɔwɔ Siria nohoa mpo tee Yesu ho asɛm.

Akyiri yi, Yesu maa n’asuafo no bi tumi a wɔde bɛsa nkurɔfo yare, na wɔatu adaemone. Asuafo no bi nso ne Yesu kɔkyerɛkyerɛɛ wɔ nkurow akɛse mu ne nkuraase. Mmaa anokwafo bi nso hwɛɛ Yesu ne n’asuafo no. Wɔn ne Maria Magdalene, Yoana, Susana, ne mmaa foforo pii.

Yesu tetee n’asuafo no. Owiei no, ɔsomaa wɔn sɛ wɔnkɔka asɛm no. Bere a wɔreka asɛm no wɔ Galilea nsase so nyinaa no, nnipa foforo nso bɛyɛɛ asuafo, na wɔbɔɔ asu. Ná nnipa bebree pɛ sɛ wobedi Yesu akyi, enti Yesu de wɔn totoo afuw bi a adu bere a ɛsɛ sɛ wotwa ho. Ɔkaa sɛ: ‘Mommɔ mpae na Yehowa nsoma adwumayɛfo bebree mmra mmetwa afuw no mu nneɛma.’ Akyiri yi, Yesu yii n’akyidifo no mu 70, na ɔsomaa wɔn mmienu mmienu ma wɔkɔkaa Ahenni no ho asɛm wɔ Yudea ne nkurow a ɛbɛn ho nyinaa. Wɔkaa Ahenni no ho asɛm kyerɛɛ nnipa ahorow nyinaa. Bere a asuafo no san baa Yesu nkyɛn no, na wɔpɛ ntɛm aka nea esii ho asɛm akyerɛ Yesu. Ɔbonsam antumi anyɛ biribiara ansiw asɛm a na wɔreka no kwan.

Yesu hwɛ huu sɛ, sɛ ɔkɔ soro a, n’asuafo no bɛtoa adwuma a ɛho hia yi so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Monkyerɛkyerɛ nkurɔfo ma wonhu Onyankopɔn Asɛm, na mommɔ wɔn asu.’

“Ɛsɛ sɛ mekɔ nkurow foforo mu nso kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛmpa no, efisɛ eyi nti na wɔsomaa me.”​—Luka 4:⁠43