Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 79

Yesu Yɛɛ Anwonwade Pii

Yesu Yɛɛ Anwonwade Pii

Yesu baa asase so bɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛm. Yehowa maa Yesu honhom kronkron ma ɔde yɛɛ anwonwade pii de kyerɛɛ nea sɛ ɔbɛyɛ Ɔhene a, ɔbɛyɛ. Otumi saa yare biara. Baabiara a ɔkɔe no, ayarefo baa ne nkyɛn bɛpɛɛ ayaresa, na ɔsaa wɔn nyinaa yare. Wɔn a na wɔn ani afura no huu ade, na wɔn a wɔyɛ mum nso tee asɛm. Afei wɔn a wɔabubu agu fam tumi nantewee, na wɔn a ahonhommɔne rehaw wɔn nso, otu fii wɔn so. Sɛ obi sɔ n’atade ano mpo a, na otumi nya ayaresa. Baabi a obedu biara na nkurɔfo tu di n’akyi. Bere a ɔpɛ sɛ ogye n’ahome mpo no, wampam obiara.

Da bi, nkurɔfo de ɔbarima bi a wabubu kɔɔ baabi a Yesu te. Nanso na nnipa ahyɛ fie hɔ mã, na na nkurɔfo no nnya kwan nkɔ mu. Enti wotuu tokuru wɔ dan no so na wɔde ɔbarima no faa mu kɔɔ Yesu nkyɛn. Afei Yesu ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: ‘Sɔre nantew.’ Bere a ɔsɔre nantewee no, ɛyɛɛ nkurɔfo no nwonwa.

Bere foforo nso, na Yesu rewura akuraa bi ase, na na mmarima du bi a kwata ayɛ wɔn gyina akyiri baabi. Wɔteɛɛm sɛ: ‘Yesu, boa yɛn!’ Saa bere no, na wɔmma kwan mma akwatafo mmɛn nkurɔfo. Yesu ka kyerɛɛ mmarima no sɛ wɔnkɔ asɔrefie hɔ sɛnea Yehowa Mmara no kyerɛ sɛ akwatafo nya ayaresa a, wɔnyɛ no. Wɔnam kwan so rekɔ no, wonyaa ayaresa. Bere a kwatani baako huu sɛ wanya ayaresa no, ɔsan n’akyi bɛdaa Yesu ase, na oyii Onyankopɔn ayɛ. Akwatafo du no, wei nko ara na ɔbɛdaa Yesu ase.

Ná ɔbaa bi a wayare mfe 12 repɛ ayaresa denneennen. Ɔfaa Yesu akyi wɔ nnipadɔm mu na osoo Yesu atare ano. Ɛhɔ ara na onyaa ayaresa. Ɛbaa saa no, Yesu bisaa sɛ: ‘Hena na ɔde ne nsa kaa me?’ Ná ehu aka ɔbaa no, nanso onyaa akokoduru baa Yesu anim bɛkaa nokware. Yesu kyekyee ne werɛ sɛ: ‘Ɔbabaa, fa asomdwoe kɔ.’

Hyiadan mu panyin bi a ne din de Yairo kɔsrɛɛ Yesu sɛ: ‘Bra me fie! Me babaa yare paa.’ Nanso bere a Yesu duu Yairo fie no, na abofra no awu. Yesu huu sɛ nnipa bebree abegu fie hɔ na wɔne abofra no abusuafo resu. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnyae su; abofra no ada kɛkɛ.’ Afei osoo abofra no nsa, na ɔkaa sɛ: ‘Abaayewa, sɔre!’ Ɛhɔ ara na ɔsɔre tenaa ase, na Yesu ka kyerɛɛ n’awofo sɛ wɔmma no biribi nni. Wo deɛ hwɛ sɛnea n’awofo bɛte nka!

“Onyankopɔn de honhom kronkron ne tumi sraa no, na okyinkyinii asase no so yɛɛ papa, na ɔsaa wɔn a Ɔbonsam hyɛ wɔn so nyinaa yare, efisɛ na Onyankopɔn ka ne ho.”—Asomafo Nnwuma 10:38