Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 81

Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw So

Yesu Kɔɔ Asɛnka Wɔ Bepɔw So

Bere a Yesu paw asomafo 12 no wiei no, osi fii bepɔw no so baa baabi a nnipa bebree ahyia. Ná nkurɔfo no fi Galilea, Yudea, Tiro, Sidon, Siria ne nkurow foforo a ɛbɛn Yordan no. Wɔde ayarefo ne wɔn a ahonhommɔne haw wɔn bae. Yesu saa wɔn nyinaa yare. Afei, ɔtenaa bepɔw no nkyɛn baabi ne wɔn kasae. Ɔkaa sɛ, sɛ yɛpɛ sɛ yɛfa Onyankopɔn adamfo a, biribi wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ɛsɛ sɛ yehu sɛ yehia Yehowa wɔ yɛn abrabɔ mu, na yɛdɔ no. Nanso sɛ yɛannɔ nnipa a, yɛrentumi nnɔ Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ yɛda ayamye adi kyerɛ obiara na yɛpɛ obiara asɛm, wɔn a wɔmpɛ yɛn asɛm mpo ka ho.

Yesu kaa sɛ: ‘Ɛnyɛ wo nnamfo nko ara na ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn. Ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn a wɔmpɛ w’asɛm nso, na wufi wo komam de nkurɔfo bɔne kyɛ wɔn. Sɛ obi bo fuw wo a, ɛsɛ sɛ wokɔ ne kyɛn ntɛm ara kɔpa no kyɛw. Nea wopɛ sɛ nkurɔfo yɛ ma wo no, wo nso yɛ saa ara ma wɔn.’

Yesu san tuu nkurɔfo no fo wɔ honam fam nneɛma ho. Ɔkaa sɛ: ‘Yɛfa Yehowa adamfo a, mfaso wɔ so sen sɛ yebenya sika pii. Ɔkorɔmfo betumi awia wo sika. Nanso sɛ wofa Yehowa adamfo a, obiara rentumi nwia anaa ɔnsɛe saa adamfofa no. Nnwen aduan a wubedi, nea wobɛnom ne atade a wobɛhyɛ ho. Hwɛ nnomaa. Bere nyinaa Onyankopɔn ma wonya aduan pii di mee. Adwennwen remfa da koro mpo nka wo mfe ho. Kae sɛ Yehowa nim nea wuhia.’

Ná nnipakuw no ntee nkyerɛkyerɛ a ɛte sɛ Yesu deɛ no da. Ná wɔn asɔfo no nkyerɛkyerɛɛ wɔn saa da. Adɛn nti na na Yesu yɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa saa? Efisɛ nea ɔkyerɛkyerɛe no, na ne nyinaa fi Yehowa hɔ.

“Momfa me kɔndua nto mo ho so na munsua me, efisɛ midwo, na mebrɛ me ho ase koma mu, na mubenya ɔhome ama mo kra.”—Mateo 11:29