Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 82

Yesu Kyerɛɛ N’asuafo Sɛnea Yɛbɔ Mpae

Yesu Kyerɛɛ N’asuafo Sɛnea Yɛbɔ Mpae

Biribiara a Farisifo no yɛe no, na wɔpɛ sɛ nkurɔfo hu na wɔkamfo wɔn. Sɛ wɔyɛ obi papa a, na wɔpɛ sɛ obiara hu. Sɛ wɔrebɔ mpae a, na wogyina baabi a obiara behu wɔn. Ná Farisifo no kyere mpaebɔ atenten gu wɔn tirim. Ná wɔbɔ mpae koro no ara, na na wɔbɔ wɔ asɔrefie ne mmɔnten so ma nkurɔfo te. Enti Yesu kaa asɛm bi ma ɛyɛɛ nkurɔfo no nwonwa. Ɔkaa sɛ: ‘Mommmɔ mpae te sɛ Farisifo no. Ɛyɛɛ wɔn sɛ wɔn mpaebɔ tenten nti Onyankopɔn betie wɔn, nanso wantie wɔn. Mpaebɔ yɛ wo ne Yehowa ntam asɛm. Enti nka asɛm koro no ara mpɛn pii. Yehowa pɛ sɛ woka nea ɛwɔ wo koma mu ankasa kyerɛ no.’

Yesu kaa sɛ yɛmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew. W’ahenni mmra. W’apɛde nyɛ hɔ wɔ asase so te sɛ ɔsoro.” Yesu san ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmmɔ mpae nhwehwɛ aduan a wobedi no da no mu, wɔnsrɛ bɔne fakyɛ, ne biribi foforo biara a wohia.

Yesu kaa sɛ: ‘Nnyae mpaebɔ da. Kɔ so bisa nneɛma pa fi w’Agya Yehowa hɔ. Ɔwofo biara pɛ sɛ ɔde nneɛma pa ma ne ba. Sɛ wo ba bisa wo paanoo a, wobɛma no ɔbo? Sɛ obisa wo nam a, wobɛma no ɔwɔ?’

Afei Yesu kyerɛkyerɛɛ asɛm no mu sɛ: ‘Sɛ wunim sɛnea wode nneɛma pa bɛma wo mma a, Yehowa a ɔyɛ w’Agya no, ɔremfa honhom kronkron mma wo anaa? Enti nea ehia ara ne sɛ wubebisa.’ Wode Yesu afotu no yɛ adwuma anaa? Nneɛma bɛn na wobɔ ho mpae?

“Monkɔ so mmisa, na wɔde bɛma mo; monkɔ so nhwehwɛ, na mubehu; monkɔ so mmom, na wobebue mo.”—Mateo 7:7