Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 84

Yesu Nantew Nsu So

Yesu Nantew Nsu So

Ná ɛnyɛ yare nkutoo na Yesu tumi sa anaa awufo nkutoo na otumi nyan wɔn. Mframa ne nsu nso, na ɔwɔ so tumi. Da bi, ɔkɔɔ bepɔw bi so kɔbɔɔ mpae. Owiei no, ohui sɛ mframa kɛse bi rebɔ wɔ Galilea Po no so. Ná n’asomafo no wɔ wɔn hyɛmma mu rebɔ mmɔden sɛ wɔde hyɛmma no bɛfa mframa kɛse no mu. Yesu si fii bepɔw no so na ofii ase nantew nsu no so sɛ ɔrekɔ baabi a hyɛmma no wɔ no. Bere a asomafo no hui sɛ obi nam nsu no so no, ehu kaa wɔn. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛyɛ me. Munnsuro.’

Petro kaa sɛ: ‘Awurade sɛ ɛyɛ wo ampa a, ma me mmra baabi a wowɔ no.’ Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Bra.’ Enti Petro si faa mframa kɛse no mu, na ɔnantew nsu no so sɛ ɔrekɔ Yesu nkyɛn. Ɔreyɛ abɛn Yesu no, ɔhwɛe sɛnea mframa no rebɔ no na ehu kaa no. Enti ofii ase sɛ ɔremem. Ɛnna Petro teɛɛm sɛ: ‘Awurade gye me!’ Yesu soo ne nsa kaa sɛ: ‘Adɛn nti na w’adwene yɛɛ wo mmienu mmienu? Wunni gyidi anaa?’

Yesu ne Petro foro kɔtenaa hyɛmma no mu, na ɛhɔ ara mframa no gyaee. Wohwɛ a, asomafo no bɛte nka sɛn? Wɔkaa sɛ: “Woyɛ Onyankopɔn Ba ampa.”

Ɛnyɛ saa bere yi nko ara na Yesu maa mframa gyaee bɔ. Da bi, Yesu ne n’asomafo no de hyɛmma twa kɔɔ po no agya baabi. Wɔrekɔ no, Yesu kɔdaa hyɛmma no akyi, na ɔfaa mu dae. Mframa kɛse bi bɔe wɔ po no so, na asorɔkye bɔe ara ma nsu pii baa hyɛmma no mu. Ɛnna asomafo no nyanee Yesu, na wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Ɔkyerɛkyerɛfo yɛawu awie! Gye yɛn!’ Ɛhɔ ara na Yesu sɔree, na ɔka kyerɛɛ ɛpo no sɛ: ‘Yɛ komm!’ Ntɛm ara na mframa ne po no nyinaa yɛɛ komm. Yesu bisaa asomafo no sɛ: ‘Munni gyidi anaa?’ Asomafo no keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Mframa ne po mpo tie no.” Asomafo no behuu sɛ, sɛ wogye Yesu di paa a, ɛnde ɛnsɛ sɛ wosuro biribiara.

Sɛ ɛnyɛ gyidi na minyae sɛ mehu Yehowa papayɛ wɔ ateasefo asase so a, anka mewɔ he?’—Dwom 27:13