Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 86

Yesu Nyanee Lasaro

Yesu Nyanee Lasaro

Ná Yesu wɔ nnamfo mmiɛnsa bi. Ná wɔte Betania na na ɔpɛ wɔn asɛm paa. Wɔn ne Lasaro ne ne nuabaanom Maria ne Marta. Da bi, na Yesu wɔ Yordan akyi baabi. Maria ne Marta soma ma wɔkɔkaa asɛm bi a ɛho hia paa kyerɛɛ no sɛ: ‘Lasaro yare paa. Enti yɛsrɛ wo yɛ ntɛm bra!’ Nanso Yesu ankɔ da no ara. Ɔtwɛn nna mmienu, ɛnna ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: ‘Momma yɛnkɔ Betania. Lasaro ada, enti merekonyan no.’ Asomafo no kaa sɛ: ‘Sɛ wada deɛ a, ɛnde sɛ ɛbɛma ne ho atɔ no.’ Enti Yesu ka kyerɛɛ wɔn pen sɛ: ‘Lasaro awu.’

Bere a Yesu duu Betania no, na wɔasie Lasaro ama adi nnannan. Ná nnipa bebree aba hɔ rebɛkyekye Marta ne Maria werɛ. Bere a Marta tee sɛ Yesu aba no, otuu mmirika kɔɔ ne nkyɛn. Ɔkaa sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo nua no benyan. Marta, wugye eyi di anaa?’ Marta nso kaa sɛ: ‘Minim sɛ owusɔre mu no, ɔbɛsɔre.’ Yesu nso ka kyerɛɛ no sɛ: “Mene owusɔre ne nkwa.”

Afei Marta kɔka kyerɛɛ Maria sɛ: ‘Yesu aba.’ Ɛnna Maria tuu mmirika kɔɔ Yesu nkyɛn na nnipadɔm no nso dii n’akyi. Oduu hɔ no, obutuw Yesu nan ase sui. Ɛnna ɔkaa sɛ: ‘Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka yɛn nua no anwu!’ Yesu huu sɛnea Maria redi awerɛhow no, ɔno nso fii ase sui. Bere a nnipadɔm no huu sɛ Yesu resu no, wɔkaa sɛ: ‘Ei, ɔpɛ Lasaro asɛm paa oo.’ Nanso ebinom kaa sɛ: ‘Adɛn nti na ɔhwɛ maa n’adamfo no wui?’ Dɛn na Yesu bɛyɛ?

Yesu kɔɔ faako a wosiee no no. Ná wɔde ɔbo kɛse bi ato ɔda no ano. Yesu kaa sɛ: “Munyi ɔbo no.” Ɛnna Marta kaa sɛ: ‘Seesei deɛ, ɛbɔn, efisɛ adi nna nnan!’ Nanso woyii ɔbo no, na Yesu bɔɔ mpae sɛ: ‘Agya, meda wo ase sɛ woatie me. Minim sɛ wutie me daa; nanso nnipakuw a wogyinagyina ha no nti na mekasaa den na ama wɔagye adi sɛ wo na wosomaa me.’ Afei ɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Lasaro, fi bra!” Anwonwasɛm bi sii: Lasaro na wapue afi ɔda no mu reba yi! Ná ntama kyekyere ne ho nyinaa. Yesu kaa sɛ: “Monsan no na momma ɔnkɔ.”

Wɔn a wohui no pii gyee Yesu dii. Ebinom deɛ, wɔkɔka kyerɛɛ Farisifo no. Efi saa da no, Farisifo no yɛɛ wɔn adwene sɛ wobekum Lasaro ne Yesu. Asomafo 12 no mu baako a wɔfrɛ no Yuda Iskariot wiaa ne ho kɔɔ Farisifo no nkyɛn kobisaa wɔn sɛ: ‘Sɛ miyi Yesu ma mo a, sika sɛn na mode bɛma me?’ Farisifo no kaa sɛ wɔbɛma no sika nnwetɛbona 30. Efi saa da no, Yuda fii ase hwehwɛɛ ɔkwan a ɔbɛfa so ayi Yesu ama Farisifo no.

“Nokware Nyankopɔn no ne yɛn nkwagye Nyankopɔn; na Awurade Tumfoɔ Yehowa nsam na ɔkwan a wɔde fi owu mu wɔ.”—Dwom 68:20