Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 88

Wɔkyeree Yesu

Wɔkyeree Yesu

Yesu ne n’asomafo no kɔfaa Kidron Subon no mu kɔɔ Ngo Bepɔw no so. Ná ɛyɛ anadwo dasum, na na ɔsram apae. Woduu Getsemane turom hɔ no, Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Montena ha na monwɛn.’ Afei Yesu kɔɔ n’anim kakra wɔ turom hɔ kobuu nkotodwe. Ná ne ho yeraw no paa, enti ɔbɔɔ Yehowa mpae sɛ: “Ma wo pɛ nyɛ hɔ.” Ɛnna Yehowa somaa ɔbɔfo bi bɛhyɛɛ Yesu den. Bere a Yesu san kɔɔ faako a asomafo no wɔ no, ɔkɔtoe sɛ wɔn mu mmiɛnsa adeda. Ɔkaa sɛ: ‘Monsɔre! Ɛnyɛ saa bere yi na ɛsɛ sɛ moda! Bere aso sɛ woyi me hyɛ m’atamfo nsa.’

Ankyɛ na Yuda dii nnipadɔm bi a wokurakura sekan ne nnua anim baa turom hɔ. Ná onim sɛ ɛnyɛ dɛn ara a, Yesu bɛwɔ turom hɔ efisɛ na wɔtaa kɔ hɔ. Ná Yuda adi kan akyerɛ asogyafo no sɛnea obeyi Yesu ama wɔn. Enti woduu hɔ no, Yuda kɔɔ Yesu nkyɛn tẽẽ, na ɔkaa sɛ: ‘Ɔkyerɛkyerɛfo mikyia wo oo.’ Afei ɔfew Yesu ano. Yesu kaa sɛ: ‘Yuda, wode mfewano na ɛreyi me ama?’

Yesu begyinaa nnipadɔm no anim bisaa wɔn sɛ: “Hena na morehwehwɛ no?” Nkurɔfo no kaa sɛ: ‘Yɛrehwehwɛ Nasareni Yesu.’ Ɛnna Yesu kaa sɛ: ‘Mini.’ Ɛhɔ ara na nkurɔfo no pimpinii wɔn akyi kɔhwehwee fam. Yesu san bisaa wɔn sɛ: “Hena na morehwehwɛ no?” Nkurɔfo no san kaa sɛ: ‘Yɛrehwehwɛ Nasareni Yesu.’ Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Maka akyerɛ mo sɛ, mini. Momma m’asuafo no nkɔ.’

Bere a Petro huu nea ɛrekɔ so no, ɔtwee ne sekan de twaa ɔsɔfo panyin no akoa bi a wɔfrɛ no Malko aso fii hɔ. Nanso Yesu de ne nsa kaa aberante no aso ma ne ho tɔɔ no. Afei ɔdan n’ani ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Fa sekan no hyɛ baabi. Wode sekan ko a, wubewu wɔ sekan ano.’ Afei asogyafo no kyeree Yesu na wɔkyekyeree ne nsa. Ɛbaa saa no asomafo no guanee. Nkurɔfo no de Yesu kɔmaa ɔsɔfo panyin Anas. Anas bisabisaa Yesu anom asɛm, ɛnna ɔde no kɔɔ Ɔsɔfo Panyin Kaiafa fie. Asomafo no nso ɛ? Dɛn na ɛtoo wɔn?

“Mo ho rehiahia mo wiase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Madi wiase so nkonim.”—Yohane 16:33