Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 89

Petro Kaa sɛ Onnim Yesu

Petro Kaa sɛ Onnim Yesu

Bere a Yesu ne n’asomafo no wɔ abansoro so no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mo nyinaa mubegyaw me hɔ anadwo yi.’ Petro kaa sɛ: ‘Ɛnde ɛnyɛ me! Sɛ wɔn nyinaa begyaw wo hɔ mpo a, me deɛ, merennyaw wo hɔ da.’ Nanso Yesu ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Ansa na akokɔ bɛbɔn no, na woaka no mprɛnsa sɛ wunnim me.’

Bere a asogyafo no kyeree Yesu de no kɔɔ Kaiafa fie no, asomafo no mu dodow no ara guanee. Nanso wɔn mu mmienu dii nnipadɔm no akyi. Baako ne Petro. Ɔkɔɔ Kaiafa fie no mu, na ɔkɔtenaa ogya ho sɛnea ɛbɛyɛ a awɔw renne no. Hann no maa abaawa bi huu Petro anim. Abaawa no kaa sɛ: ‘Minim wo! Ná woka Yesu ho!’

Petro kaa sɛ: ‘Dabi, menka ne ho! Mente nea woreka yi ase!’ Petro siim de n’ani kyerɛɛ ofie no pon ano. Nanso ɛhɔ ara na abaawa foforo bi huu no, na ɔka kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: ‘Ná ɔbarima yi nso ka Yesu ho!’ Petro kaa sɛ: ‘Minnim Yesu mpo!’ Ɔbarima bi kaa sɛ: ‘Woka wɔn ho! Sɛnea wokasa koraa ma mihu sɛ woyɛ Galileani te sɛ Yesu.’ Nanso Petro kaa ntam sɛ: ‘Minnim no!’

Ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee. Petro huu sɛ Yesu adan ne ho ahwɛ n’anim. Ɔkaee Yesu asɛm no, na ɔkɔɔ abɔnten kosui paa.

Saa bere no ara nso, na Sanhedrin no asi gyinae sɛ wobedi Yesu asɛm wɔ Kaiafa fie no mu. Ná wɔayɛ wɔn adwene sɛ wobekum Yesu, enti na wɔpɛ biribi agyina so akum no. Nanso wɔannya ne ho asɛm biara. Akyiri, Kaiafa ankasa bisaa Yesu sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn Ba anaa?’ Yesu kaa sɛ: ‘Aane.’ Kaiafa kaa sɛ: ‘Yenhia adanse biara bio.’ Wɔakasa atia Onyankopɔn!’ Wɔn a wɔredi n’asɛm no gye toom, na wɔkaa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ ɔbarima yi wu.’ Wɔbobɔɔ Yesu asom tetee ntasu guu ne ho. Afei wɔkataa n’ani, wɔbobɔɔ no, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Woyɛ odiyifo a, kyerɛ yɛn nea ɔbɔɔ wo!’

Ade kyee no, wɔde Yesu kɔɔ Sanhedrin asa no so, na wobisaa no bio sɛ: ‘Woyɛ Onyankopɔn Ba anaa?’ Yesu buaa sɛ: ‘Mo na moreka.’ Afei wobuu no fɔ sɛ wɔakasa atia Onyankopɔn na wɔde no kɔɔ Roma amrado Pontio Pilato ahemfie. Akyiri yi, dɛn na esii? Ma yɛnhwɛ.

“Hwɛ, dɔn no . . . adu sɛ mobɛhwete ama obiara akɔ ne fie na moagyaw me nkutoo; nanso ɛnkaa me nkutoo, efisɛ Agya no ka me ho.”—Yohane 16:32