Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 90

Yesu Wuu Wɔ Golgota

Yesu Wuu Wɔ Golgota

Asɔfo mpanyimfo no de Yesu kɔɔ amrado no ahemfie. Pilato bisaa wɔn sɛ: ‘Asɛm bɛn na mowɔ tia ɔbarima yi?’ Wɔkaa sɛ: ‘Ɔse ɔyɛ ɔhene!’ Ɛnna Pilato bisaa Yesu sɛ: “Wone Yudafo Hene no anaa?” Yesu buaa sɛ: “M’ahenni mfi wiase.”

Afei Pilato de Yesu kɔmaa Galilea kannifo Herode sɛ ɔnhwɛ sɛ ebia obenya asɛm bi atia Yesu anaa. Nanso Herode anhu mfomso biara wɔ Yesu ho, na ɔsan de no kɔmaa Pilato. Afei Pilato ka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ: ‘Me oo, Herode oo, obiara annya asɛm biara antia ɔbarima yi. Mɛma no akɔ.’ Ɛnna nnipadɔm no teɛteɛɛm sɛ: ‘Munkum no! Munkum no!’ Asogyafo no de mpire anaa abaa hwee Yesu, na wɔtetee ntasu guu ne ho, na wɔbobɔɔ no. Wɔde ahenkyɛw a wɔde nkasɛɛ ayɛ hyɛɛ no na wodii ne ho agorɔ sɛ: “Asomdwoe nka wo, Yudafo Hene!” Pilato san ka kyerɛɛ dɔm no sɛ: ‘Minhuu bɔne biara a ɔbarima yi ayɛ.’ Nanso wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Wɔmmɔ no asɛndua mu!’ Enti Pilato de Yesu maa wɔn sɛ wonkokum no.

Wɔde Yesu kɔɔ baabi a wɔfrɛ hɔ Golgota, na wɔbɔɔ no asɛndua mu. Afei wɔde dua no sii hɔ. Yesu bɔɔ mpae sɛ: ‘Agya, fa wɔn bɔne kyɛ wɔn, na wonnim nea wɔreyɛ.’ Nkurɔfo dii Yesu ho agorɔ kaa sɛ: ‘Sɛ woyɛ Onyankopɔn Ba ampa a, ɛnde fi asɛndua no so besi fam na gye wo ho!’

Nnebɔneyɛfo a na wɔsɛn Yesu nkyɛn no mu baako ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Sɛ woba w’ahenni mu a, kae me.” Yesu hyɛɛ no bɔ sɛ: “Wobɛka me ho wɔ Paradise.” Eduu awia no, esum baa asase no so nyinaa nnɔnhwerew mmiɛnsa. Ná Yesu akyidifo no bi bɛn asɛndua no ho. Ná Yesu maame Maria nso wɔ hɔ bi. Yesu ka kyerɛɛ Yohane sɛ ɔmfa Maria sɛ ɔno ara ne maame na ɔnhwɛ no.

Awiei koraa no, Yesu kaa sɛ: “Asa!” Afei osii ne ti ase na oguu ahome a etwa to. Ɛhɔ ara na asasewosow kɛse bi sii. Asɔrefie hɔ nso, ntama a na wɔde atwa Kronkronbea ne Kronkron mu Kronkronbea mu no, emu tew mmienu. Sogyani panyin bi kaa sɛ: ‘Ampa, na ɔbarima yi yɛ Onyankopɔn Ba.’

“Onyankopɔn bɔhyɛ dodow nyinaa nam no so ayɛ Yiw.”—2 Korintofo 1:20