Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 91

Yesu Nyan Fii Awufo Mu

Yesu Nyan Fii Awufo Mu

Bere a Yesu wui akyi no, osikani bi a yɛfrɛ no Yosef kɔsrɛɛ Pilato sɛ ɔmma ɔmfa Yesu funu no mfi asɛndua no so. Yosef hyɛɛ funu no aduru, na ɔde ntama fitaa kyekyeree ho de kɔtoo ɔda foforo mu. Ɔmaa wɔde ɔbo kɛse bi kataa ɔda no ano. Asɔfo mpanyimfo no ka kyerɛɛ Pilato sɛ: ‘Yesuro sɛ anhwɛ a na Yesu asuafo no bi akowia funu no, na afei wɔabɛka sɛ wasɔre.’ Enti Pilato ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Munsiw ɔda no ano, na mommɔ ho ban.’

Nnansa akyi no, mmaa bi kɔɔ ɔda no ho anɔpatutuutu, na wokohuu sɛ wɔayi ɔbo kɛse no afi hɔ. Ná ɔbɔfo bi wɔ ɔda no mu, na ɔka kyerɛɛ mmaa no sɛ: ‘Munnsuro. Yesu anyan. Monkɔka nkyerɛ n’asuafo no sɛ wonhyia no wɔ Galilea.’

Maria Magdalene yɛɛ ntɛm kɔhwehwɛɛ Petro ne Yohane. Maria ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Obi afa Yesu funu no!’ Petro ne Yohane tuu mmirika kɔɔ baabi a wosiee Yesu no. Bere a wohuu sɛ onni ɔda no mu no, wɔsan kɔɔ fie.

Maria san kɔɔ baabi a wosiee Yesu no, na okohuu abɔfo mmienu wɔ ɔda no mu. Ɔka kyerɛɛ abɔfo no sɛ: ‘Minnim baabi a wɔde me Wura akɔto.’ Afei ohuu ɔbarima bi, na osusuw sɛ ɔno na ɔhwɛ turom hɔ. Enti ɔka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ: ‘Owura, mesrɛ wo kyerɛ me baabi a wode no akɔto.’ Nanso ɔbarima no bɔɔ ne din “Maria!” ɛnna ohuu sɛ ɛyɛ Yesu. Ɔteɛɛm sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo!” na osoo Yesu mu. Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Kɔka kyerɛ me nuanom sɛ woahu me.’ Ɛhɔ ara Maria de mmirika kɔɔ asuafo no nkyɛn kɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wahu Yesu.

Da no ara, na n’asuafo no mmienu fi Yerusalem rekɔ Emaus. Ɔbarima bi bɛkaa wɔn ho wɔ kwan so, na obisaa wɔn nea wɔrebɔ ho nkɔmmɔ. Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Enti wontee? Nnansa ne nnɛ, asɔfo mpanyimfo no kum Yesu. Seesei mmaa bi reka sɛ wasɔre!’ Ɔbarima no bisaa wɔn sɛ: ‘Munnnye adiyifo no nni anaa? Wɔkaa sɛ Kristo bewu na wobenyan no.’ Ɔtoaa so kyerɛkyerɛɛ Kyerɛwnsɛm no mu kyerɛɛ wɔn. Bere a woduu Emaus no, asuafo no ka kyerɛɛ ɔbarima no sɛ ɔne wɔn nkɔ. Wɔrebedidi anwummere no, ɔbarima no bɔɔ mpae, na wohuu sɛ ɛyɛ Yesu, ɛnna ɔyerae.

Asuafo mmienu no yɛɛ ntɛm kɔɔ ofie a na asomafo no ahyiam wɔ Yerusalem no, na wɔkɔkaa nea asi no kyerɛɛ wɔn. Bere a wɔwɔ fie no mu no, Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ wɔn nyinaa. Mfiase no, na asomafo no nnye nni sɛ ɛyɛ Yesu. Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monhwɛ me nsam; momfa mo nsa nka me. Wɔakyerɛw sɛ Kristo no bɛsɔre afi awufo mu.’

“Mene ɔkwan no ne nokware no ne nkwa. Obiara mma Agya no nkyɛn gye sɛ ɔnam me so.”—Yohane 14:6