Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 92

Yesu Yii Ne Ho Adi Kyerɛɛ Nkurɔfo Bi a Woyi Nam

Yesu Yii Ne Ho Adi Kyerɛɛ Nkurɔfo Bi a Woyi Nam

Bere a Yesu yii ne ho adi kyerɛɛ asomafo no akyi, Petro yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ akoyi nam wɔ Galilea Po mu. Toma, Yakobo, Yohane, ne asuafo no bi kaa ne ho kɔe. Wɔhwehwɛɛ nam anadwo no nyinaa, nanso wɔannya bi.

Ade kyee anɔpatutuutu no, wohuu sɛ ɔbarima bi gyina po no ano. Ɔteɛɛm frɛɛ wɔn po no so, na obisaa wɔn sɛ: ‘Moanya nam no bi anaa?’ Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dabi!” Ɔbarima no kaa sɛ: “Montow asau no ngu ɔkorow no nifa na mubenya bi.” Bere a wɔyɛɛ saa no, wonyaa nam bebree maa asau no yɛɛ ma. Afei na wontumi ntwe asau no mma mpoano mpo. Ɛhɔ ara na Yohane huu sɛ ɔbarima no yɛ Yesu, na ɔkaa sɛ: “Ɛyɛ Awurade!” Ntɛm ara na Petro huruw tɔɔ nsu no mu guare kɔɔ po no ano. Asuafo a aka no nso de korow anaa hyɛmma no dii n’akyi.

Bere a woduu mpoano no, wohuu sɛ paanoo ne apataa anaa nam gu gya so. Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmfa wɔn nam no bi mmɛka ho. Afei ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mummedidi.’

Wodidi wiei no, Yesu bisaa Petro sɛ: ‘Wodɔ me sen sɛ wubeyi mpataa anaa?’ Petro kaa sɛ: ‘Aane Awurade, wunim sɛ medɔ wo.’ Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Ɛnde ma me nguan nkumaa aduan.’ Yesu san bisaa no sɛ: ‘Petro wodɔ me anaa?’ Petro kaa sɛ: ‘Awurade, wunim sɛ medɔ wo.’ Yesu kaa sɛ: “Yɛn me nguan nkumaa.” Yesu bisaa no nea ɛto so mmiɛnsa. Petro werɛ howee paa. Ɔkaa sɛ: ‘Awurade, wunim biribiara. Wunim sɛ medɔ wo.’ Yesu kaa sɛ: “Ma me nguan nkumaa aduan.” Afei ɔka kyerɛɛ Petro sɛ: “Kɔ so di m’akyi.”

“[Yesu] ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.’ Ntɛm ara wogyaw asau no hɔ kodii n’akyi.”—Mateo 4:19, 20