Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 93

Yesu San Kɔɔ Soro

Yesu San Kɔɔ Soro

Yesu hyiaa n’akyidifo no wɔ Galilea. Ɔmaa wɔn ahyɛde bi a ɛho hia paa. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monkɔ nkɔyɛ asuafo wɔ wiase nyinaa. Nea mede akyerɛkyerɛ mo no, momfa nkyerɛkyerɛ wɔn, na mommɔ wɔn asu.’ Afei ɔhyɛɛ wɔn bɔ sɛ: ‘Monkae sɛ, mɛka mo ho daa nyinaa.’

Bere a Yesu sɔre fii awufo mu no, nna 40 a odii wɔ asase so mu no, oyii ne ho adi kyerɛɛ n’asuafo bebree wɔ Galilea ne Yerusalem. Ɔkyerɛɛ wɔn nneɛma pa bebree, na ɔyɛɛ anwonwade pii nso. Afei Yesu hyiaa n’asomafo no nea etwa to wɔ Ngo Bepɔw no so. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Ɛnsɛ sɛ mufi Yerusalem. Monkɔ so ntwɛn nea Agya no de ahyɛ mo bɔ no.’

Asomafo no ante nea ɔkae no ase. Enti wobisaa no sɛ: ‘Afei worebɛyɛ Ɔhene wɔ Israel anaa? Yesu kaa sɛ: ‘Yehowa bere nsoe sɛ mɛyɛ Ɔhene. Ɛrenkyɛ, honhom kronkron bɛma moanya tumi na mobɛyɛ m’adansefo. Monkɔka asɛmpa no wɔ Yerusalem, Yudea, Samaria, ne asase ano nohoa.’

Afei wɔmaa Yesu so kɔɔ soro, na omununkum kataa ne so. Asuafo no kɔɔ so hwɛɛ soro, nanso na ɔkɔ.

Asuafo no fii Ngo Bepɔw no so, na wɔkɔɔ Yerusalem. Ná wɔtaa hyia wɔ abansoro dan bi mu bɔ mpae. Ná wɔretwɛn sɛ Yesu bɛma wɔn akwankyerɛ pii aka ho.

“Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.”—Mateo 24:14