Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 94

Asuafo no Nyaa Honhom Kronkron

Asuafo no Nyaa Honhom Kronkron

Bere a Yesu kɔɔ soro no, nna du akyi, honhom kronkron baa n’asuafo no so. Ná ɛyɛ Pentekoste afe 33 Y.B., na na nnipa fi mmeae mmeae rebedi afahyɛ wɔ Yerusalem. Ná Yesu asuafo bɛyɛ 120 ahyia wɔ abansoro dan bi mu. Prɛko pɛ na anwonwasɛm bi sii. Biribi te sɛ ogya besisii asuafo no ti so, na wɔn nyinaa fii ase kaa kasa horow. Nnyigyei kɛse bi a ɛte sɛ mframa a ano yɛ den bɛhyɛɛ dan no mu mã.

Ahɔho a wofi aman foforo so baa Yerusalem no tee dede no, enti wotuu mmirika kɔɔ fie no mu kɔhwɛɛ nea ɛrekɔ so. Wɔtee sɛ asuafo no reka kasa horow, na ɛyɛɛ wɔn nwonwa paa. Ahɔho no kaa sɛ: ‘Nnipa a wɔrekasa yi, wɔnyɛ Galileafo? Ɛbaa no sɛn na wɔreka yɛn kurom kasa yi?’

Afei Petro ne asomafo a aka no gyinaa nnipadɔm no anim. Petro kaa nea ɛyɛe a wokum Yesu na afei Yehowa nyan no no ho asɛm kyerɛɛ nkurɔfo no. Petro kaa sɛ: ‘Seesei, Yesu te Onyankopɔn nsa nifa so wɔ soro, na wahwie honhom kronkron a ɔde hyɛɛ yɛn bɔ no agu yɛn so. Ɛno nti na moahu na moate anwonwasɛm yi no.’

Asɛm a Petro kae no maa nnipadɔm no ho dwiriw wɔn paa, na wobisaa sɛ: “Dɛn na yɛnyɛ?” Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monsakra mfi mo bɔne ho, na momma wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu din mu. Mo nso, mubenya honhom kronkron no bi sɛ akyɛde.’ Da no ara, nnipa bɛyɛ 3,000 bɔɔ asu. Efi saa da no, asuafo no hyɛɛ ase sɛ wɔredɔɔso ntɛmtɛm wɔ Yerusalem. Honhom kronkron no boaa asomafo no ma wɔtew asafo bebree sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi akyerɛkyerɛ asuafo no ama wɔadi Yesu ahyɛde so.

“Sɛ wopae mu ka saa ‘asɛm a ɛwɔ w’ankasa anom’ no, sɛ Yesu ne Awurade, na wugye di wɔ wo koma mu sɛ Onyankopɔn nyan no fii awufo mu a, wobegye wo nkwa.”—Romafo 10:9