Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 95

Biribiara Antumi Ansiw Wɔn Kwan

Biribiara Antumi Ansiw Wɔn Kwan

Ná ɔbarima bi a ontumi nnantew te asɔrefie no pon ano, na daa na ɔsrɛsrɛ ade. Da koro awia bi, ohuu sɛ Petro ne Yohane rebɛsen akɔ asɔrefie hɔ. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mesrɛ mo, monkyɛ me ade.’ Petro kaa sɛ: ‘Mewɔ biribi a ɛkyɛn sika ma wo. Meka wɔ Yesu din mu sɛ, sɔre nantew!’ Afei Petro boaa no ma ɔsɔre gyinaa hɔ, na ɔbarima no fii ase nantewee! Bere a nnipadɔm no huu anwonwade yi no, wɔn ani gyee yiye na bebree bɛyɛɛ gyidifo.

Nanso asɔfo ne Sadukifo no bo fuwii. Wosoo asomafo no mu de wɔn kɔɔ asɛnnibea, na wobisaa wɔn sɛ: ‘Hena na ɔmaa mo tumi sɛ monsa ɔbarima no yare?’ Petro buaa sɛ: ‘Yenyaa tumi fii Yesu Kristo a mukum no no hɔ.’ Asɔfo mpanyimfo no teɛteɛɛ wɔn sɛ: ‘Munnyae Yesu ho asɛm ka!’ Nanso asomafo no kaa sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ yɛka ne ho asɛm. Yɛrennyae.’

Bere a wogyaee Petro ne Yohane ara pɛ, wɔkɔɔ asuafo a aka no hɔ kɔkaa nea asi no kyerɛɛ wɔn. Wɔboom bɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ: ‘Yɛsrɛ wo, boa yɛn ma yennya akokoduru na yɛatumi akɔ so ayɛ w’adwuma.’ Yehowa maa wɔn ne honhom kronkron no, enti wɔkɔɔ so kaa asɛmpa no, na wɔsaa nkurɔfo yare. Nnipa bebree bɛyɛɛ gyidifo. Ɛyɛɛ Sadukifo no yaw, enti wɔkyeree asomafo no de wɔn kɔtoo afiase. Nanso eduu anadwo no, Yehowa somaa ɔbɔfo ma okobuee afiase pon no, na ɔka kyerɛɛ asomafo no sɛ: ‘Monsan nkɔ asɔrefie hɔ nkɔkyerɛkyerɛ.’

Ade kyee anɔpa ara pɛ, wɔkɔbɔɔ Sanhedrin anaa asɔfo mpanyimfo a wɔahyia no amanneɛ sɛ: ‘Yɛato afiase pon no mu, nanso mmarima a mokyeree wɔn no kɔ! Wɔwɔ asɔrefie hɔ rekyerɛkyerɛ nkurɔfo!’ Wɔkyeree asomafo no bio, na wɔsan de wɔn kɔɔ Sanhedrin. Ɔsɔfo panyin no kaa sɛ: ‘Yɛka kyerɛɛ mo sɛ mma mommmɔ Yesu din bio!’ Ɛnna Petro nso kaa sɛ: “Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.”

Asɔfo mpanyimfo no bo fuwii paa, enti na wɔpɛ sɛ wokum asomafo no. Nanso Farisini bi a yɛfrɛ no Gamaliel sɔre gyinae, na ɔkaa sɛ: ‘Monhwɛ yiye! Ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn di mmarima yi akyi. Mopɛ sɛ mo ne Onyankopɔn ko anaa?’ Wotiee n’afotu no. Wɔhwee asomafo no, na wɔhyɛɛ wɔn bio sɛ wonnyae asɛmpa no ka. Afei wogyaa wɔn ma wɔkɔe. Nanso ɛno amma asomafo no annyae. Wɔkɔɔ so de akokoduru kaa asɛmpa no wɔ asɔrefie hɔ ne afie afie.

“Ɛsɛ sɛ yetie Onyankopɔn sɛ sodifo mmom sen nnipa.”​—Asomafo Nnwuma 5:29