Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 97

Honhom Kronkron Baa Kornelio So

Honhom Kronkron Baa Kornelio So

Ná Roma sogyani panyin bi wɔ Kaesarea a nkurɔfo bu no paa. Yɛfrɛ no Kornelio. Ɛwom sɛ na ɔnyɛ Yudani, nanso na Yudafo no bu no paa. Ná oyi ne yam boa ahiafo ne wɔn a wɔyɛ mmɔbɔ. Ná Kornelio gye Yehowa di, na na ɔtaa bɔ mpae. Da koro bi, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Kornelio, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Onyankopɔn atie wo mpaebɔ. Petro te Yopa, enti soma nkurɔfo seesei ara ma wɔnkɔfrɛ no mmrɛ wo.’ Ntɛm ara, Kornelio somaa mmarima mmiɛnsa kɔɔ Yopa. Yopa wɔ Kaesarea anafo, na efi hɔ rekɔ Kaesarea yɛ bɛyɛ akwansin 30 (bɛyɛ kilomita 48).

Sɛɛ na Petro nso anya anisoadehu wɔ Yopa. Ohuu mmoa bi a na Yudafo nni kwan sɛ wodi, na ɛnne bi ka kyerɛɛ no sɛ, ɛsɛ sɛ odi. Nanso Petro ampene so, na ɔkaa sɛ: ‘Me deɛ, efi bere a yɛwoo me, minnii aboa a ne ho ntew da.’ Ɛnne no ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Mfrɛ mmoa yi sɛ wɔn ho ntew. Onyankopɔn atew wɔn ho.’ Ɛnne no san ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Mmarima mmiɛnsa gyina wo pon ano. Wo ne wɔn nkɔ.’ Petro kɔɔ pon no ano, na obisaa mmarima no nea enti a wɔaba hɔ. Wobuaa no sɛ: ‘Roma sogyani panyin Kornelio na asoma yɛn. Ɔse bra ne fie wɔ Kaesarea.’ Petro ka kyerɛɛ mmarima no sɛ wɔnna ne nkyɛn ma ade nkye. Ade kyee no, ɔfaa anuanom a wɔwɔ Yopa no bi kaa ɔne mmarima no ho ma wɔkɔɔ Kaesarea.

Bere a afei deɛ Kornelio huu Petro no, obuu nkotodwe wɔ n’anim. Nanso Petro ka kyerɛɛ no sɛ: ‘Sɔre! Meyɛ onipa te sɛ wo ara. Ɛwom sɛ Yudafo nkɔ Amanaman mufo fie deɛ, nanso Onyankopɔn aka akyerɛ me sɛ memmra wo fie. Afei mesrɛ wo, nea enti a woma yɛbɛfrɛɛ me no, ka kyerɛ me.’

Kornelio ka kyerɛɛ Petro sɛ: ‘Nna nnan a atwam no, na merebɔ Onyankopɔn mpae, na ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ me sɛ mensoma ma yɛmmɛfrɛ wo. Mesrɛ wo, fa Yehowa asɛm kyerɛkyerɛ yɛn.’ Petro kaa sɛ: ‘Mahu sɛ Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim. Obiara a ɔpɛ sɛ ɔsom no no, ogye no tom.’ Petro kyerɛkyerɛɛ wɔn Yesu ho nsɛm pii. Ɛnna honhom kronkron baa Kornelio ne wɔn a wɔka ne ho no so, na wɔn nyinaa bɔɔ asu.

“Ɔman biara mu no, onipa a osuro [Onyankopɔn] na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”—Asomafo Nnwuma 10:35