Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 98

Kristosom Trɛw Kɔɔ Aman Pii So

Kristosom Trɛw Kɔɔ Aman Pii So

Asomafo no tiee Yesu ahyɛde a ɛne sɛ wɔnkɔka asɛmpa no wɔ wiase nyinaa. Afe 47 Y.B. no, anuanom a wɔwɔ Antiokia no somaa Paulo ne Barnaba sɛ wɔnkɔ mmeae mmeae nkɔka asɛmpa no. Ná nnipa mmienu yi mfa asɛmpaka adwuma no nni agorɔ. Wotutuu akwan kɔɔ Asia Kumaa kɔkaa asɛmpa no. Wɔkɔɔ mmeae bi te sɛ Derbe, Listra ne Ikoniom.

Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no kyerɛɛ obiara; asikafo, ahiafo, mmofra ne mpanyimfo nyinaa. Nnipa bebree gyee Kristo ho nokwasɛm no dii. Bere a Paulo ne Barnaba reka asɛmpa no akyerɛ Sergio Paulo a ɔhwɛ Kipro kurow so no, osumanni bi yɛɛ sɛ ɔbɛma wɔagyae. Nanso ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ osumanni no sɛ: ‘Yehowa ne wo bedi.’ Ɛhɔ ara, osumanni no ani furae. Bere a Sergio Paulo a ɔyɛ amrado no huu nea asi no, ɔbɛyɛɛ gyidini.

Paulo ne Barnaba kaa asɛmpa no wɔ baabiara, afie afie, gua so, mmɔnten, ne hyiadan mu. Wɔsaa ɔbarima bi a wabubu agu fam yare wɔ Listra. Nnipa a wohuu saa anwonwade no, wɔn adwene yɛɛ wɔn sɛ wɔyɛ anyame, enti wɔyɛɛ sɛ wɔresom wɔn. Nanso Paulo ne Barnaba ma wogyaee, na wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Monsom Onyankopɔn nko ara! Yɛn deɛ, yɛyɛ nnipa kɛkɛ.’ Ɛnna Yudafo bi bɛsesaa nkurɔfo no adwene ma wɔsɔre tiaa Paulo. Nkurɔfo no siw no abo, na wɔtwee no kɔɔ kurow no akyi kogyaw no hɔ sɛ onwu. Nanso, Paulo anwu! Ntɛm ara na anuanom no bɛfaa no kɔɔ kurow no mu bio. Akyiri yi, Paulo san kɔɔ Antiokia.

Afe 49 Y.B. no, Paulo san kɔɔ mmeae mmeae kɔkaa asɛmpa no. Ɔsan kɔɔ anuanom a wɔwɔ Asia Kumaa no nkyɛn. Afei, ɔtoaa so kɔɔ Europe nohoa kɔkaa asɛmpa no. Ɔkɔɔ Atene, Efeso, Filipi, Tesalonika ne mmeae foforo nso. Silas, Luka, ne aberantewa Timoteo kaa Paulo ho ne no tutuu akwan. Wɔboom tetew asafo ahorow, na wɔboa maa asafo no yɛɛ den. Paulo tenaa Korinto afe baako ne bosome nsia, na ɔhyɛɛ anuanom a wɔwɔ hɔ no den. Ɔkaa asɛmpa no, ɔkyerɛkyerɛe, na ɔkyerɛw nkrataa kɔmaa asafo pii. Afei adwuma a na ɔyɛ ne sɛ, ɔyɛ ntamadan. Akyiri yi, Paulo san kɔɔ Antiokia.

Eduu afe 52 Y.B. no, Paulo san tutuu akwan kɔkaa asɛmpa no nea ɛto so mmiɛnsa. Ɔhyɛɛ ase fii Asia Kumaa. Ɔkɔɔ Filipi atifi fam nohoa, na ɔsan de n’ani kyerɛɛ anafo kɔɔ Korinto. Paulo de mfe pii kyerɛkyerɛe wɔ Efeso, ɔsaa nkurɔfo yare, na ɔboaa asafo no nso. Afei, na ɔma ɔkasa wɔ baguam da biara wɔ sukuu adan akɛse mu. Nnipa pii tiei, na wɔsakraa wɔn abrabɔ. Bere a Paulo kyinkyin aman ahorow so kaa asɛmpa no wiei no, ɔkɔɔ Yerusalem.

“Enti monkɔ nkɔyɛ aman nyinaa m’asuafo.”—Mateo 28:19