Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 99

Obi a Ɔhwɛ Afiase Bɛyɛɛ Kristoni

Obi a Ɔhwɛ Afiase Bɛyɛɛ Kristoni

Ná abaayewa bi wɔ Filipi a ɔwɔ honhommɔne. Ná honhommɔne no ma otumi ka daakye asɛm ma ne wuranom nya sika. Bere a Paulo ne Silas kɔɔ Filipi no, abaayewa no dii wɔn akyi nna pii. Honhommɔne no maa no teɛteɛɛm sɛ: “Nnipa yi yɛ Ɔsorosoro Nyankopɔn no nkoa.” Afei, Paulo ka kyerɛɛ honhommɔne no sɛ: ‘Mese wo wɔ Yesu din mu sɛ fi ne mu!’ Honhommɔne no fii ne mu.

Bere a abaayewa no wuranom huu sɛ wɔrennya ne ho sika bio no, wɔn bo fuwii paa. Wɔtwee Paulo ne Silas kɔɔ ɔman mpanyimfo no hɔ, na wɔkae sɛ: ‘Mmarima yi rebu mmara no so, na wɔrehyɛ ɔman no nyinaa abufuw!’ Ɔman mpanyimfo no hyɛɛ sɛ wɔnhwe Paulo ne Silas na wɔmfa wɔn nkɔto afiase. Nea ɔhwɛ afiase hɔ no de wɔn kɔtoo afiase hɔ baabi a ɛhyɛ tokuru mu na ɛhɔ yɛ sum paa. Afei otuu tokuru wɔ dua mu, na ɔde wɔn nan hyɛɛ mu.

Paulo ne Silas too dwom yii Yehowa ayɛ maa wɔn a wɔda afiase hɔ no tee. Anadwo dasum no, prɛko pɛ na asasewosow kɛse bi wosow afiase hɔ fi soro kosi fam. Afiase apon no buebuei, na nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde agu nnipa a wɔwɔ afiase hɔ no sansanee. Afei nnua a wɔde wɔn nan ahyɛ mu no nyinaa yiyii. Nea ɔhwɛ afiase hɔ no yɛɛ ntɛm kɔɔ baabi a Paulo ne Silas da no, na ohuu sɛ apon no abuebue. Ná onim sɛ nnipa a wɔwɔ afiase hɔ no nyinaa aguan, enti ɔfaa sekan sɛ ɔde rekum ne ho.

Ɛhɔ ara na Paulo teɛɛm sɛ: ‘Nkum wo ho! Yɛn nyinaa wɔ ha!’ Nea ɔhwɛ afiase hɔ no de mmirika kobuu nkotodwe wɔ Paulo ne Silas anim. Obisaa wɔn sɛ: “Menyɛ dɛn na manya nkwa?” Wɔka kyerɛɛ no sɛ: ‘Wo ne wo fiefo nyinaa, ɛsɛ sɛ mugye Yesu di.’ Ɛnna Paulo ne Silas de Yehowa asɛm kyerɛkyerɛɛ wɔn, na nea ɔhwɛ afiase hɔ ne ne fiefo nyinaa bɔɔ asu.

“Nkurɔfo de wɔn nsa bɛka mo na wɔataa mo, de mo akɔ hyia adan mu ne afiase, atwe mo akɔ ahene ne amradofo anim me din nti. Ɛbɛdan adansedi ama mo.”—Luka 21:12, 13