Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 100

Paulo ne Timoteo

Paulo ne Timoteo

Ná Timoteo yɛ onua aberante wɔ asafo a ɛwɔ Listra no mu. Ná ne papa yɛ Helani, ɛnna ne maame nso yɛ Yudani. Bere a Timoteo yɛ abofra no, ne maame Eunike, ne Timoteo nanabaa Lois kyerɛɛ no Yehowa ho ade.

Bere a Paulo tuu kwan sɛ ɔrekɔka asɛmpa no nea ɛto so mmienu na oduu Listra no, ohuu sɛ Timoteo dɔ anuanom no paa. Afei, na Timoteo yi ne yam boa anuanom no. Paulo too nsa frɛɛ Timoteo ma ɔbɛkaa ne ho wɔ n’akwantu mu. Paulo tetee Timoteo nkakrankakra ma ɔno nso tumi kaa asɛmpa no yiye na ɔkyerɛkyerɛɛ yiye nso.

Honhom kronkron na na ɛkyerɛ Paulo ne Timoteo baabi a wɔnkɔka asɛmpa no. Paulo nyaa anisoadehu anadwo bi. Ohuu sɛ ɔbarima bi reka akyerɛ no sɛ ɔmmra Makedonia mmɛboa wɔn. Enti Paulo, Timoteo, Silas ne Luka kɔkaa asɛm no wɔ hɔ na wɔtetew asafo ahorow.

Ná Tesalonika nso wɔ Makedonia, na mmarima ne mmaa pii bɛyɛɛ Kristofo wɔ hɔ. Nanso na Yudafo no bi ani bere Paulo ne wɔn a wɔka ne ho no. Enti wɔkɔboaboaa basabasayɛfo bi ano ma wɔbɛtwee anuanom no kɔɔ kurow no atumfoɔ anim. Afei wɔteɛteɛɛm sɛ: ‘Saa mmarima yi yɛ Roma aban no atamfo!’ Wei de Paulo ne Timoteo nkwa too asiane mu, enti saa anadwo no ara woguan kɔɔ Beroia.

Ná nnipa a wɔwɔ Beroia no ho pere wɔn sɛ wobesua Onyankopɔn ho ade, enti Helafo ne Yudafo a wɔwɔ hɔ no bi bɛyɛɛ gyidifo. Nanso bere a Yudafo bi fi Tesalonika bɛhaw adwene wɔ hɔ no, Paulo fii hɔ kɔɔ Atene. Timoteo ne Silas tenaa Beroia hyɛɛ anuanom den. Eduu bere bi no, Paulo somaa Timoteo ma ɔsan kɔɔ Tesalonika kɔboaa anuanom no ma wogyinaa ɔtaa denneennen a wɔrefa mu no ano. Akyiri yi, Paulo somaa Timoteo ma ɔkɔsraa asafo ahorow pii na ɔhyɛɛ wɔn nkuran.

Paulo ka kyerɛɛ Timoteo sɛ: ‘Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsom Yehowa no wɔbɛtaa wɔn.’ Timoteo gyidi nti, wɔtaa no na wɔde no too afiase. N’ani gyee sɛ wanya hokwan a ɔde bedi Yehowa nokware.

Paulo ka kyerɛɛ Filipifo no sɛ: ‘Meresoma Timoteo aba mo nkyɛn. Ɔbɛkyerɛ mo sɛnea mobɛnantew nokware kwan no so, na watete mo wɔ ɔsom adwuma no mu.’ Ná Paulo gye Timoteo di. Wɔboom yɛɛ adwuma mfe pii sɛ nnamfo ne mfɛfo asomfo.

“Minni obiara a ne suban te sɛ ɔno a obeyi ne yam adi mo nsɛm ho dwuma saa. Na wɔn a aka nyinaa hwehwɛ wɔn ankasa de, ɛnyɛ Kristo Yesu de.”—Filipifo 2:20, 21