Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 101

Wɔde Paulo Kɔɔ Roma

Wɔde Paulo Kɔɔ Roma

Paulo akwantu a ɛto so mmiɛnsa no, okowiee wɔ Yerusalem. Wɔkyeree no wɔ hɔ de no kɔtoo afiase. Anadwo bi, Yesu ka kyerɛɛ Paulo wɔ anisoadehu mu sɛ: ‘Wobɛkɔ Roma akɔka asɛmpa no wɔ hɔ.’ Wɔde Paulo fii Yerusalem kɔɔ Kaesarea, na ɛhɔ no, odii mfe mmienu wɔ afiase. Bere a wɔredi Paulo asɛm wɔ Amrado Festo anim no, Paulo kaa sɛ: ‘Ma Kaesare nni m’asɛm wɔ Roma.’ Festo kaa sɛ: “Kaesare na wode asɛm no adan no; Kaesare hɔ na wobɛkɔ.” Wɔde Paulo sii hyɛn mu de no kɔɔ Roma, na ne nuanom Kristofo mmienu kaa ne ho kɔe. Wɔn ne Luka ne Aristarko.

Bere a wɔwɔ po so no, mframa kɛse paa bi bɔe nna pii. Ná ɛyɛ wɔn nyinaa sɛ wobewu. Nanso Paulo kaa sɛ: ‘Mmarima, ɔbɔfo bi ka kyerɛɛ me wɔ dae mu sɛ: “Paulo, nsuro. Mubedu Roma, na biribiara renyɛ obiara wɔ hyɛn no mu.”’ Afei Paulo san kaa sɛ: ‘Munnya akokoduru! Yɛrenwu.’

Mframa no bɔe ara nna mmaako mmaako 14. Afei wokopuee asase bi so. Ná ɛyɛ supɔw bi a yɛfrɛ hɔ Malta. Ɛhyɛn no kɔkaa anhwea mu, na ebubuu asinasin. Nanso nnipa 276 a na wɔwɔ hyɛn no mu nyinaa, obiara anwu. Ebinom guare kɔɔ mpoano, na ebinom nso sosɔɔ ɛhyɛn a abubu no bi mu de koduu mpoano. Nnipa a wɔwɔ Malta no hwɛɛ wɔn yiye paa, na wɔsɔɔ gya maa wɔn sɛnea ɛbɛyɛ a awɔw renne wɔn.

Abosome mmiɛnsa akyi, sogyafo no de Paulo faa po so hyɛn foforo, na wɔde no kɔɔ Roma. Bere a Paulo koduu hɔ no, anuanom no behyiaa no. Ohuu wɔn no, ɔdaa Yehowa ase na onyaa akokoduru. Ɛwom sɛ na wɔakyere Paulo deɛ, nanso wɔhan fie bi de no too mu maa sogyani bi hwɛɛ no so wɔ hɔ. Ɔhyɛɛ fie hɔ mfe mmienu. Ná nkurɔfo bɛsra no wɔ fie hɔ, enti ɔkaa Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa kyerɛɛ wɔn na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn Yesu ho ade. Paulo san kyerɛw nkrataa kɔmaa asafo ahorow a ɛwɔ Asia Kumaa ne Yudea. Ampa, Yehowa de Paulo yɛɛ adwuma ma ɔkaa asɛmpa no kyerɛɛ amanaman.

“Ade nyinaa mu yɛda yɛn ho adi sɛ Onyankopɔn asomfo, boasetɔ pii mu, ahohia mu, ohia mu, ahokyere mu.”​—2 Korintofo 6:4