Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 103

“W’ahenni Mmra”

“W’ahenni Mmra”

Yehowa ahyɛ bɔ sɛ: ‘Osu, ɛyaw, yare, ne owu befi hɔ. Mɛpopa obiara ani ase nusu. Nneɛma bɔne a ɛrekɔ so no nyinaa, morenkae bio.’

Yehowa de Adam ne Hawa too Eden turom sɛ wɔntena hɔ asomdwoe mu na wɔn ani nnye. Ná ɛsɛ sɛ wɔsom wɔn soro Agya no, na wɔwo hyɛ asase so mã. Adam ne Hawa antie Yehowa asɛm, nanso nea na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no ansesa. Nhoma yi ama yɛahu sɛ, sɛ Onyankopɔn hyɛ bɔ biara a, ɛbam pɛpɛɛpɛ. Onyankopɔn Ahenni no bɛma nnipa anya nhyira bebree sɛnea ɔhyɛɛ Abraham bɔ no.

Ɛrenkyɛ koraa, wɔbɛsɛe Satan, n’adaemone ne nnipa abɔnefo nyinaa. Wɔn a wobenya nkwa nyinaa bɛsom Yehowa. Obiara renyare anaa ɔrenwu. Anɔpa biara, yɛbɛsɔre no na yɛwɔ ahoɔden, na yɛn ani begye sɛ yɛte ase. Asase bɛdan paradise. Obiara benya aduan pa adi, na yebenya afie papa atena mu. Obiara renyɛ ne yɔnko bɔne. Obiara bɛyɛ ne yɔnko papa. Yɛrensuro mmoa a wɔn ho yɛ hu, na mmoa nso rensuro yɛn.

Sɛ Yehowa fi ase sɛ ɔrenyan awufo a, yɛn ani begye paa. Tetefo a yɛbɛma wɔn akwaaba no bi ne Habel, Noa, Abraham, Sara, Mose, Rut, Ester, ne Dawid. Yɛne wɔn nyinaa bɛbom asiesie Asase so ama ayɛ paradise. Da biara, yebenya adwuma a ɛyɛ anigye ayɛ.

Yehowa pɛ sɛ wokɔ hɔ bi. Wubehu Yehowa yiye ama ayɛ wo nwonwa. Momma yɛnkɔ so mmɛn Yehowa nnɛ ne daa!

“Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa.”—Adiyisɛm 4:11