Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɔfã 1 Nnianim Nsɛm

Ɔfã 1 Nnianim Nsɛm

Sɛ yɛhwɛ ɔsoro ne asase so a, yehu nneɛma a ɛyɛ fɛ pii a Yehowa abɔ. Wubue Bible mu a, nsɛm a edi kan no kyerɛ sɛnea Yehowa bɔɔ saa nneɛma yi. Sɛ woyɛ ɔwofo a, boa wo ba ma onhu sɛ abɔde gu ahorow, na ɛyɛ nwonwa. Kyerɛ no sɛ sɛnea Onyankopɔn bɔɔ nnipa no, ɛma yetumi yɛ nneɛma pii a mmoa ntumi nyɛ. Nnipa tumi kasa, yedwen, yɛde yɛn adwene yɛ nneɛma, yɛto nnwom na yetumi bɔ mpae. Boa wo ba no ma onhu sɛ Yehowa wɔ tumi, ɔwɔ nyansa na n’ani gye nneɛma a wabɔ no ho paa. Afei nso ɔpɛ yɛn mu biara asɛm.

IN THIS SECTION

ADESUA 1

Onyankopɔn Bɔɔ Ɔsoro ne Asase

Bible se Onyankopɔn na ɔbɔɔ ɔsoro ne asase. Nanso wunim ɔbɔfo a odii kan bɔɔ no ansa na ɔrebɔ biribi foforo biara?

ADESUA 2

Onyankopɔn Bɔɔ Ɔbarima ne Ɔbaa a Wodi Kan

Onyankopɔn bɔɔ ɔbarima ne ɔbaa a wodi kan na ɔmaa wɔtenaa Eden turom. Ná Onyankopɔn pɛ sɛ wɔwo na wɔyɛ asase nyinaa paradise.